Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 26:43 - New Revised Asante Twi Bible

43 Na asase no deɛ, wɔbɛgya na anya ne homeberɛ no mu ahotɔ, sɛ wɔnni soɔ nti ada hɔ tuu; na wɔn deɛ, ɛsiane sɛ wɔpoo m’atemmudeɛ na m’ahyɛdeɛ yɛɛ wɔn kra nwunu nti, wɔbɛnya wɔn amumuyɛ ho asotwe, ɛfiri sɛ wɔpaa m’atemmudeɛ na m’ahyɛdeɛ yɛɛ wɔn kra nwunu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

43 Na asase no deɛ, wɔbɛgya na anya ne homeberɛ no mu ahotɔ, sɛ wɔnni soɔ nti ada hɔ tuu; na wɔn deɛ, ɛsiane sɛ wɔpoo m’atemmudeɛ na m’ahyɛdeɛ yɛɛ wɔn kra nwunu nti, wɔbɛnya wɔn amumuyɛ ho asotwe, ɛfiri sɛ wɔpaa m’atemmudeɛ na m’ahyɛdeɛ yɛɛ wɔn kra nwunu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

43 Asase no da hɔ dinn no, ebedi ne homeda. Nanso akyiri no, wobenya wɔn asotwe sɛ wɔanni me nhyehyɛe so na wɔpoo mʼahyɛde.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

43 Asase no da hɔ dinn no, ɛbɛdi ne homeda. Nanso akyire no, wɔbɛnya wɔn asotwe sɛ wɔanni me nhyehyɛeɛ so na wɔtiaa me mmara.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

43 Na asase no de, wobegyaw na anya ne home bere mu ahotɔ, sɛ wonni so nti ada ntuw; na wɔn de, esiane sɛ wɔpaa m'atemmude na m'ahyɛde yɛɛ wɔn kra nwini nti, wobenya wɔn amumɔyɛ so asotwe.

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 26:43
28 Referencias Cruzadas  

Na ne ho hiaa no no, ɔhwehwɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn, na ɔbrɛɛ ne ho ase pii wɔ n’agyanom Nyankopɔn anim.


sɛ wɔmma AWURADE asɛm a ɔde Yeremia ano kaeɛ no mmra mu, sɛ ɛnkɔsi sɛ asase no ani bɛsɔ ne home mfeɛ no; amamfo nna nyinaa na ɛrehome akɔsi sɛ mfirinhyia aduɔson bɛwie duro.


Hwɛ, nhyira ne ɔdasani a Onyankopɔn ka n’anim, enti, mpo Otumfoɔ atenetene no.


Wɔnnya mmrɛɛ me aseɛ no, mefomee, na afei medi w’asɛm so.


Ɛyɛ ma me sɛ wobrɛɛ me aseɛ, na ama masua w’ahyɛdeɛ.


AWURADE, mahunu sɛ w’atemmuo yɛ tenenee, na wode nokorɛdie abrɛ me ase.


na frɛ me hiada mu, na mɛgye wo na woahyɛ me animuonyam.


na wo korɔ yi ara wokyiri animka, na woto me nsɛm gu w’akyire?


O AWURADE, ahohia mu wɔhwehwɛɛ wo, wɔbɔɔ mpaeɛ berɛ a woreka wɔn anim no.


Na me nsaneakyire akyi mesakyerae, na manya mahunu me ho yi, mebɔ me srɛ so; m’ani awu, na masopa mpo, ɛfiri sɛ mɛsɔ me mmeranteberɛ mu ahohora.


Yei na AWURADE atwɛn na berɛ a ɛsɛ mu no, ɔde atoyerɛnkyɛm aba yɛn soɔ; na AWURADE yɛn Nyankopɔn yɛ tenenee, ne nneyɛɛ a ɔyɛeɛ no nyinaa mu, na yɛantie ne nne.


Na mede me tenabea bɛsi mo mu, na mo ho renyɛ me kra nwunu.


na sɛ mopa m’ahyɛdeɛ, na m’atemmuo yɛ mo kra nwunu, na moanni me mmara nsɛm nyinaa so na mobu m’apam so a,


Na mɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea, na matwitwa mo aduhwam afɔrebukyia no agu, na matoto mo afunu agu mo abosonhunu afunu no so, na mo ho ayɛ me kra nwunu.


me nso mene wɔn dii asie, na mede wɔn kɔɔ wɔn atamfoɔ asase so; — na sɛ afei wɔn akoma momonoto no bɛbrɛ ase na wɔapene wɔn amumuyɛ ho asotwe no so a,


Wɔtane deɛ ɔtenetene, kuro pono mu, na wɔkyiri deɛ ɔka nsɛm a ɛyɛ nokorɛ.


Na metwaa nnwanhwɛfoɔ no mu baasa twenee wɔ bosome baako mu. Na wɔn ho yɛɛ me kra ahomete, na me ho nso yɛɛ wɔn kra nwunu.


Wiase ntumi ntane mo; na me na ɛtane me, ɛfiri sɛ, medi adanseɛ sɛ, ne nnwuma yɛ bɔne.


Ɛfiri sɛ honam adwene yɛ nitan a ɛtane Onyankopɔn, na ɛmfa ne ho nhyɛ Nyankopɔn mmara no aseɛ, na mpo ɛntumi;


Na AWURADE bɛbu ne man atɛn, na ne nkoa bɛyɛ no mmɔbɔ, berɛ a ɔbɛhunu sɛ wɔahodwo koraa, na akoa anaa ɔdehyeɛ nni hɔ bio.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios