Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 26:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 Na mede aweretɔ nkrantɛ a ɛbɛtɔ m’apam no so were bɛba mo so, na moaboaboa mo ano akɔ mo nkuro mu, na mɛma yaredɔm aba mo mu, na wɔde mo ahyɛ ɔtamfoɔ nsa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

25 Na mede aweretɔ nkrantɛ a ɛbɛtɔ m’apam no so were bɛba mo so, na moaboaboa mo ano akɔ mo nkuro mu, na mɛma yaredɔm aba mo mu, na wɔde mo ahyɛ ɔtamfoɔ nsa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Menam ɔko so bebu mʼapam so ako atia mo de atua mo so ka. Mubeguan akɔ mo nkurow mu, na mede nyarewa bɛtoa mo wɔ hɔ. Na mo atamfo bedi mo so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Menam ɔko so bɛbu mʼapam so ako atia mo de atua mo so ka. Mobɛdwane akɔ mo nkuro mu, na mede nyarewa bɛtoa mo wɔ hɔ. Na mo atamfoɔ bɛdi mo so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

25 Na mede aweredi nkrante a ebedi m'apam no so were mɛba mo so, na moaboaboa mo ho ano akɔ mo nkurow mu, na mɛma ɔyaredɔm aba mo mu, na wɔde mo ahyɛ ɔtamfo nsa.

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 26:25
42 Referencias Cruzadas  

Ɛnna AWURADE maa owuyadeɛ baa Israel soɔ firi anɔpa kɔsii berɛ a ɔhyɛeɛ no, na ɔman a ɛfiri Dan kɔsi Beer-seba no mu nnipa mpem aduɔson wuwui.


Sɛ wɔka wo man Israel gu wɔn atamfoɔ anim, sɛ wɔayɛ wo bɔne nti, na wɔsane ba wo nkyɛn bɛbɔ wo din, na wɔbɔ wo mpaeɛ na wɔkoto srɛ wo efie yi mu a,


Sɛ ɛkɔm ba asase yi so oo, ɔyaredɔm ba oo, ɛhoɔ, ɛpoɔ, ntutummɛ, mmɛbɛ ba oo, sɛ wɔn atamfoɔ bɛhiahia wɔn ho wɔn kuro apono asase so oo, ɔhaw biara oo, yadeɛ biara oo,


Ɔno so na Asiriahene Salmaneser baeɛ, na Hosea bɛyɛɛ n’akoa, na ɔtuaa apeatoɔ maa no.


Na nnipa kakraa bi na Siriafoɔ dɔm de baeɛ, nanso AWURADE de dɔm kɛseɛ pa ara hyɛɛ wɔn nsa, ɛfiri sɛ na wɔagya AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no. Na Yoas nso, wɔne no dii atemmusɛm.


Aweretɔ Nyankopɔn, AWURADE, aweretɔ Nyankopɔn, pue.


Na wɔse: Hebrifoɔ Nyankopɔn abɛhyia yɛn; enti ma yɛnkɔ ɛserɛ so nnansa kwan, na yɛnkɔbɔ AWURADE, yɛn Nyankopɔn afɔdeɛ, na wamfa owuyadeɛ anaa nkrantɛ ammɛtua yɛn.


na sɛ moampene na mote atua a, afena bɛsɛe mo; na AWURADE ano na aka.


me nso mede mo bɛma afena, na wɔakum; ɛfiri sɛ mefrɛe, na moannye so, mekasae, na moantie, na moyɛɛ deɛ ɛyɛ m’ani so bɔne, na deɛ mempɛ na moyiiɛ.


Na mɛma Yuda ne Yerusalem agyina ayɛ hunu ɛha yi, na mama wɔatotɔ afena ano, wɔn atamfoɔ anim ne wɔn a wɔhwehwɛ wɔn kra no nsam, na mede wɔn afunu mama ewiem nnomaa ne wiram mmoa adi.


na mɛma afena, ɛkɔm ne owuyadeɛ aba wɔn mu akɔsi sɛ wɔbɛsa koraa afiri asase a mede memaa wɔn ne wɔn agyanom no soɔ.


Wɔte adwanefoɔ ne wɔn a wɔafiri mu afiri Babel asase soɔ nne, na wɔbɛka AWURADE yɛn Nyankopɔn aweretɔ, n’asɔrefie ho aweretɔ wɔ Sion hɔ.


Monse agyan, monsɔ akyɛm mu! AWURADE akanyan Media ahemfo honhom, na wabɔ Babel ho atirimpɔ sɛ ɔbɛsɛe no, na AWURADE aweretɔ, n’asɔrefie aweretɔ ne no.


Na mɛbɔ wɔn apete amanaman a wɔne wɔn agyanom nhunuu wɔn da mu, na mama afena adi wɔn akyi akɔsi sɛ mɛwie wɔn sɛeɛ.


Mmɔfra ne nkɔkoraa deda fam mmorɔno so; me mmabaa ne me mmeranteɛ atotɔ afena ano. Woasɛe wɔn w’abufuo da no so, woakum na woanni adɔna.


Anaasɛ mede nkrantɛ meba asase no so, na mese: Nkrantɛ, fa asase no so, na metwa nnipa ne mmoa firi so a,


Na mɛma moafa abaa no ase, na mede mo aba apam no nkyehoma mu.


Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede nkrantɛ mereba wo so, na matwitwa wo mu nnipa ne mmoa,


Onipa ba, kasa kyerɛ wo man mma, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mede nkrantɛ ba asase bi so, na asase no so man no yi wɔn mu barima bi, na wɔyɛ no ɔwɛmfoɔ,


Na mɛma ɛkɔm ne mmoa bɔne aba mo so, na wɔama woadi mmasugya, na owuyadeɛ ne mogya bɛfa wo mu, na mede nkrantɛ bɛba wo so; me, AWURADE, na maka.


na ka sɛ: Mo Israel mmepɔ, montie AWURADE Nyankopɔn asɛm: Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ, nsubɔnhwa ne mmonhwa nie: Hwɛ mede nkrantɛ mereba mo so mabɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea,


Na wɔn agyinatuo ahodoɔ no nti afena bɛkyinkyini ne nkuro mu, na ɛbɛsɛe n’apono akyiri adaban awie.


Na mɛma ɔmannwoeɛ aba asase no so, na moada na obiara anyi mo hu; na mɛsɛe mmoa bɔne afiri asase no so, na nkrantɛ remfa mo asase so.


Mesomaa ɔyaredɔm a ɛte sɛ Misraim deɛ no baa mo mu, mede afena mekunkumm mo mmeranteɛ na mefaa mo apɔnkɔ nnommum, na memaa mo nsraban mu kankan sɔre hyɛnee mo hwene mu; nanso moansane amma me nkyɛn, AWURADE asɛm nie.


Ɔyaredɔm a ɛpra di n’anim, na yadeɛ a ɛhyehyeɛ firi di ne nan ase.


Mede owuyadeɛ mɛbobɔ wɔn na masɛe wɔn, na mede wo mayɛ ɔman kɛseɛ a ɛyɛ den sene wɔn.


Na nnipa a wɔwuwuu ɔyaredɔm no mu ano si mpem dunan ne ahanson, ɛsono wɔn a Kora asɛm no nti wɔwuiɛ no.


Na Mose kasa kyerɛɛ ɔman no sɛ: Momma mo mu mmarima mmia ntu Midian so sa, na wɔmfa AWURADE aweretɔ mmra Midianfoɔ so.


Na asasewosoɔ kɛseɛ bɛba mmeammea, na ɛkɔm ne yaredɔm bɛba; na ahudeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ bɛfiri soro aba.


AWURADE bɛma ɔyaredɔm afam wo ho de akɔsi sɛ ɔbɛwie wo hyeɛ afiri asase a worekɔ so akɔfa no soɔ.


Nkrantɛ bɛfa wɔn mma abɔntene so, na ehu aku wɔn mpia mu, aberanteɛ ne ababaa, akɔkoaa ne deɛ wafu ɛdwono nyinaa.


Me na aweretɔ ne akatua wɔ me, ɛberɛ a wɔn nan bɛwatiri no. Na wɔn dwɛreɛ da abɛn, na deɛ wɔahyɛ ama wɔn bɛba ntɛmntɛm.


Sɛ mese me nkrantɛ nyinamnyinam no na me nsa sɔ atemmuo mu a, mɛtɔ wɔn a wɔne me di asie were, na matua m’atamfoɔ ka.


Na Yuda mu mmarima mpensa sii mu kɔɔ Etam botan tokuro no mu, na wɔka kyerɛɛ Samson sɛ: Wonnim sɛ Filistifoɔ na wɔdi yɛn soɔ, na ɛdeɛn na woayɛ yɛn yi? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ wɔyɛɛ me no, saa ara na mayɛ wɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios