Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 26:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na mɛsoma wiram mmoa aba mo mu na wɔagye mo nsam mma, na wɔadi mo afieboa, na wɔama moasua, na mo akwan ayɛ akwan fo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Na mɛsoma wiram mmoa aba mo mu na wɔagye mo nsam mma, na wɔadi mo afieboa, na wɔama moasua, na mo akwan ayɛ akwan fo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Mɛma nkekaboa abekunkum mo mma na wɔakunkum mo anantwi, na matew mo dodow so, na mo akwan bɛda mpan a obi mfa so bio.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Mɛma nkekaboa abɛkunkum mo mma na wɔakunkum mo anantwie, na mate mo dodoɔ so, na mo akwan bɛda mpan a obi mfa so bio.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Na mɛsoma wuram mmoa aba mo mu, na wɔagye mo nsam mma, na wɔasɛe mo afieboa, na wɔama moasua, na mo akwan ayɛ akwan fo.

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 26:22
17 Referencias Cruzadas  

Na ɛbaa sɛ wɔn hɔ tena mfitiaseɛ mu no na wɔnsuro AWURADE, na AWURADE somaa agyata maa wɔbaa wɔn mu a wɔkunkumm wɔn mu binom.


Ɛnna ɔdanee ne ho, na ɔhunuu wɔn no, ɔde AWURADE din domee wɔn. Na asisirebereɛ mmienu firi kwaeɛ no mu ba bɛtetee wɔn mu mmɔfra aduanan mmienu.


Na ɛberɛ no mu no na asomdwoeɛ nni hɔ mma deɛ ɔfiri adie ne deɛ ɔba mu, na sakasaka bebree baa nsase no sotefoɔ nyinaa so.


Enti na nnome amene asase, na ɛsotefoɔ di fɔ; enti na asase sofoɔ ahyeɛ, na aka so adasamma ketewaa bie.


akwantempɔn afu, akwantemfoɔ to atwa; wɔabu apam no so, wɔabu nkuro animtia, wɔammu ɔdasani biara.


Na nnoɔma ahodoɔ nnan na mɛma aba wɔn soɔ, AWURADE asɛm nie, afena a wɔde bɛkum wɔn, ne akraman a wɔbɛtete wɔn, ne ewiem nnomaa ne asase so mmoa a wɔbɛtete wɔn nam asɛe wɔn.


bɛka kyerɛɛ Odiyifoɔ Yeremia sɛ: Ma yɛn nkotosrɛ mmra w’anim ɛ, na bɔ AWURADE wo Nyankopɔn mpaeɛ ma yɛn ne nkaeɛ yi nyinaa, ɛfiri sɛ yɛne kakraa bi a yɛaka firi nnipa bebree mu, sɛdeɛ wohu yɛn yi,


Sion akwan di abooboo, sɛ obiara mma afahyɛ no ase nti, n’aponkɛseɛ nyinaa ayɛ afo; n’asɔfoɔ gu ahome, ne mmabaa ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ, na ɔno ara nso, ayɛ no nwono.


Sɛ mema mmoa bɔne kyini asase no so, na wɔdwerɛ ɛsofoɔ, na ɛdane afo a mmoa no nti obiara ntwam mfa so a,


Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Na nkantom sɛ mɛma m’atemmudeɛ bɔne nnan, nkrantɛ ne ɛkɔm ne mmoa bɔne ne owuyadeɛ, aba Yerusalem so de atwa nnipa ne mmoa afiri so!


Na mɛyɛ asase no afo ne pasaa, na n’ahoɔden ahantan no to bɛtwa, na Israel mmepɔ adanedane afo a obiara biara remfa soɔ;


Na mɛma ɛkɔm ne mmoa bɔne aba mo so, na wɔama woadi mmasugya, na owuyadeɛ ne mogya bɛfa wo mu, na mede nkrantɛ bɛba wo so; me, AWURADE, na maka.


Na mɛma ɔmannwoeɛ aba asase no so, na moada na obiara anyi mo hu; na mɛsɛe mmoa bɔne afiri asase no so, na nkrantɛ remfa mo asase so.


Saa nti, mo nti wɔbɛfɛntɛm Sion sɛ afuo, na Yerusalem adane aboɔ akuakuo, na efie no bepɔ adane kwaeɛ sorɔnsorɔmmea.


Na me de ahum bɛfa wɔn akɔ amanaman a wɔnni wɔn nyinaa mu, na wɔn akyiri asase no adane afo, na obi ara amfa so ankɔ ansane amma, na wɔama asase fɛfɛ no adane afo.


Ɛkɔm bɛfɔn wɔn, na ahoɔhyeɛ yadeɛ yaya bɛmene wɔn; na mɛsoma mmoa se aba wɔn mu, ne mfuturo mu awɔ borɔ.


Anat ba Samgar berɛ so, Yael berɛ so, atempɔn daa mpan, akwantemfoɔ nantee akwamfo akontonkyi so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios