Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 24:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Hyɛ Israelfoɔ ma wɔmmrɛ wo ngodua aba a wɔasie ngo korɔgyenn na wɔmfa nsɔ kanea no, na kanea no nsi so daa;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Hyɛ Israelfoɔ ma wɔmmrɛ wo ngodua aba a wɔasie ngo korɔgyenn na wɔmfa nsɔ kanea no, na kanea no nsi so daa;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Ka kyerɛ Israelfo na wɔmmrɛ wo ngo kronkron na fa sɔ kanea sɛnea ɛrennum da.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ na wɔmmrɛ wo ngo kronn na fa sɔ kanea a ɛnnum da,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Hyɛ Israelfo no ma wɔmmrɛ wo ngodua aba a wɔasiw ngo kurunnyenn na wɔmfa nsɔ ɔkanea no, na ɔkanea no nsi so daa;

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 24:2
27 Referencias Cruzadas  

Ɛfiri sɛ ɛyɛ Onyankopɔn a ɔkaa sɛ hann mfiri esum mu nhyerɛn no na wahyerɛn yɛn akoma mu, sɛ Nyankopɔn animuonyam a ɛwɔ Kristo anim no ho nimdeɛ hyerɛn.


Ɛnna Yesu kasa kyerɛɛ wɔn bio sɛ: Mene wiase hann; deɛ ɔdi m’akyire no rennante sum mu da, na ɔbɛnya nkwa hann.


Na woabue wɔn ani, na wɔadane afiri sum mu aba hann mu, na wɔafiri Satan tumi ase aba Nyankopɔn nkyɛn, na wɔanya bɔne fakyɛ ne agyapadeɛ, wɔn a wɔde gyeɛ a wɔgye me die no ate wɔn ho no mu.


Ɔno ne kanea a ɛdɛre na ɛhyerɛn; na mo deɛ, mopɛɛ sɛ mo ani gye kakra ne hann no mu.


Nokorɛ hann a ɛhyerɛn ma onipa biara no na ɛreba wiase yi.


Ne mu na nkwa wɔ, na nkwa no ne nnipa hann;


Mommɔ abɔsoɔ, na momma mo akanea nnɛre;


sɛ ɛbɛhyerɛn ama wɔn a wɔtete sum mu ne owuo sunsum aseɛ, na wagye yɛn taataa akɔ asomdwoeɛ kwan so.


Ne saa nti, momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahunu mo nneyɛɛ pa, na wɔahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no animuonyam.


ɔman a wɔte sum mu no hunuu hann kɛseɛ bi na wɔn a wɔte owuo asase soɔ ne ne sunsum mu no, hann bi apue ama wɔn.


Na AWURADE honhom bɛsi ne so, nyansa ne nhunumu honhom, afotuo ne mmaninyɛ honhom, nimdeɛ ne AWURADE suro honhom.


Wɔnni mmara ne adanseɛ no akyi! Sɛ wɔanka no sɛdeɛ asɛm yi teɛ a, ɛnneɛ adeɛ renkye wɔn.


Na mmara nsɛm no yɛ kanea, na nkyerɛkyerɛ no yɛ hann, na atenetene nkaanim yɛ nkwa kwan,


Wo nsɛm mu bue ma hann, ɛma nkwaseafoɔ hunu nyansa.


W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann.


Na wɔhye ɔhyeɛ afɔdeɛ ma AWURADE daa anɔpa ne anwummerɛ ne ɔhyeɛ aduhwam no. Na wɔsiesie kyerɛ paanoo wɔ ɔpono kronkron no so, na sika kaneadua ne ne kanea no, wɔsɔ no daa anwummerɛ. Na yɛn deɛ, yɛyɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ahyɛdeɛ no, na mo deɛ, moagya no.


Na ɔde kaneadua no sii ahyiaeɛ ntomadan no mu, ɛpono no ntentensoɔ wɔ tenabea no nkyɛn mu a ɛkyerɛ anafoɔ fam;


kaneadua kronkron no, ne ne nkanea a wɔasiesie sisi soɔ ne ɛho nnoɔma nyinaa ne kanea no ngo;


Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:


adanseɛ ntwamutam no akyi, ahyiaeɛ ntomadan no mu na Aaron nsiesie mfiri anwummerɛ nkɔsi anɔpa, AWURADE anim daa; ɛyɛ daa ahyɛdeɛ ma mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios