Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 23:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Kasa kyerɛ Israelfoɔ na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ moduru asase a mede merema mo no so na motwa ɛso nnɔbaeɛ a, momfa mo nnɔbaeɛ fi a ɛdi kan no mmrɛ ɔsɔfoɔ;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Kasa kyerɛ Israelfoɔ na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ moduru asase a mede merema mo no so na motwa ɛso nnɔbaeɛ a, momfa mo nnɔbaeɛ fi a ɛdi kan no mmrɛ ɔsɔfoɔ;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 “Kasa kyerɛ Israelfo no se, ‘Sɛ mudu asase a mede bɛma mo no so na mutwa mo nnɔbae a, momfa nnɔbae afiafi no mu baako nkɔma ɔsɔfo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 “Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ moduru asase a mede bɛma mo no so na motwa mo nnɔbaeɛ a, momfa nnɔbaeɛ afiafi no mu baako nkɔma ɔsɔfoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Kasa kyerɛ Israelfo na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mudu asase a mede merema mo no so na mutwa ɛso nnɔbae a, momfa mo nnɔbae fi a edi kan no mmrɛ ɔsɔfo;

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 23:10
22 Referencias Cruzadas  

Wo nnɔbaeɛ ne wo nnuaba mu nsuo a ɛdi kan no, ntwentwɛn sɛ wode bɛma. Wo mmabanin mu mmakan no, fa ma me.


Di otwa afahyɛ no, na fa w’adeɛ a woduaa no w’afuo mu no aba a ɛdi kan no brɛ me. Afei nso di anoboaboa afahyɛ no, afe awieeɛ a woaboaboa w’adwumadeɛ ano afiri mfuo mu no.


W’asase so aba a ɛdi kan no, fa bra AWURADE wo Nyankopɔn fie. Nnoa odwan ba wɔ ne na nufosuo mu.


Na hyɛ wo nnapɛn fa no, ayuotwa berɛ mu adekan deɛ no, ɛne anoboa afahyɛ no, afeda mu.


W’asase so adekan a ɛbɛba kane no fa bra AWURADE wo Nyankopɔn fie. Nnoa odwan ba wɔ ne na nufosuo mu.


Na nnoɔma nyinaa mu aba a ɛdi kan mfitiaseɛ no, ne nnoɔma nyinaa mu mmasoɔ afɔrebɔdeɛ a moma soɔ nyinaa no, ɛnyɛ asɔfoɔ no dea; na mo mmɔre mu deɛ ɛdi kan no, momfa mma ɔsɔfoɔ, na nhyira mmra mo fie.


Sɛ moduru Kanaan asase a mede merema mo sɛ monni soɔ no so, na sɛ mede kwata ntotɔeɛ metotɔ mo dibea asase no so fie bi ho a,


na ɔnhim efi no AWURADE anim, na ɛnsɔ ani mma mo; homeda no, adeɛ kye a, na ɔsɔfoɔ no nhim.


Momfa ohim paanoo mmienu mfiri mo tenabea mmra; esiam abupɛn du mu mmienu mmɔreka na wɔmfa nto, na ɛnyɛ aduanekan mma AWURADE.


Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:


Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛ moduru asase a morekɔtena soɔ a me ara mede merema mo no so,


Na sɛ mo adapɛn afahyɛ duru a, aduanekan da a mode mo aduane foforɔ afɔdeɛ rebrɛ AWURADE no, monhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara;


Sɛ aba a ɛdi kan no yɛ kronkron a, ɛtoa no nyinaa yɛ bi; na sɛ nhini no yɛ kronkron a, dua mman no nso yɛ bi.


Adapɛn nson na kan fa; da a wɔrefiri aseɛ de kantankrankyi ahyɛ ayuo mu no na firi kan adapɛn nson;


Ɔnam ɔno ara ne pɛ so na ɔde ne nokwasɛm woo yɛn, sɛ yɛnyɛ n’abɔdeɛ no mu adekan bi.


na wɔn a wɔso adaka no duruu Yordan ano, na asɔfoɔ a wɔso adaka no nan sii nsuo no mu ara pɛ, (nso na Yordan yiri kata ne nsunoa nyinaa ayutwaberɛ nna nyinaa),


Yeinom ne wɔn a wɔamfa mmaa angu wɔn ho fi, na wɔyɛ mmabunu, wɔn na wɔdi Adwammaa no akyire baabiara a ɔkorɔ. Yeinom na wɔagye wɔn nkwa afiri nnipa mu ayɛ wɔn aba a ɔdi kan ama Onyankopɔn ne Adwammaa no,


Sɛ Naomi ne n’ase Moabni Rut sane firii Moab asase so baeɛ nie. Na wɔduruu Betlehem no, na wɔafiri atokoɔ twa ase.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios