Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 22:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Ɔhɔhoɔ biara nnni akronkronneɛ no bi, na deɛ wabɛtena ɔsɔfoɔ bi nkyɛn anaa ɔpaani nnni akronkronneɛ no bi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Ɔhɔhoɔ biara nnni akronkronneɛ no bi, na deɛ wabɛtena ɔsɔfoɔ bi nkyɛn anaa ɔpaani nnni akronkronneɛ no bi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 “Obiara nni ho kwan sɛ odi afɔrebɔde kronkron no bi gye sɛ ɔyɛ ɔsɔfo. Ɔhɔho a wabɛsra ɔsɔfo no nni ho kwan sɛ odi bi. Na saa ara nso na ɔsomfo a wotua no ka nni ho kwan sɛ odi bi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 “Obiara nni ho kwan sɛ ɔdi afɔrebɔdeɛ kronkron no bi gye sɛ ɔyɛ ɔsɔfoɔ. Ɔhɔhoɔ a wabɛsra ɔsɔfoɔ no nni ho kwan sɛ ɔdi bi. Na saa ara nso na ɔsomfoɔ a wɔtua no ka nni ho kwan sɛ ɔdi bi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Ɔhɔho biara nnni akronkronne no bi, na nea wabɛtena ɔsɔfo bi nkyɛn anaa ɔpaani nnni akronkronne no bi.

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 22:10
11 Referencias Cruzadas  

Na amrado ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnni akronkronneɛ mu adekronkron no bi kɔsi sɛ ɔsɔfoɔ bi de Urim ne Tumim bɛkyerɛ wɔn gyinabea.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Yei ne twam no ho ahyɛdeɛ: Ɔnanani biara nnni bi.


Mo nkyɛn tenafoɔ ne ɔpaani nnni bi.


Na wɔnni nnoɔma a wɔde pata maa wɔn de hyɛɛ wɔn asɔfoɔ na wɔde dwiraa wɔn no, nanso asɔfoɔ nko ara na wɔnni bi, ɛfiri sɛ ɛyɛ kronkron.


nanso moanyɛ m’akronkronneɛ no ho adwuma no, na mmom mode mo ara mo nnipa asisi me kronkronbea hɔ adwuma no soɔ.


Ne Nyankopɔn aduane, akronkronneɛ mu ade kronkron ɛne akronkronneɛ no deɛ, ɔnni bi.


Na sɛ ɔsɔfoɔ babaa yi yɛ okunafoɔ anaasɛ wɔako no, na ɔnni ba, na ɔsane ba n’agya fie sɛ ne mmɔfraase a, ɔnni n’agya aduane no bi; na ɔhɔhoɔ biara deɛ, ɔnnni bi.


Na Aaron ne ne mma no deɛ, yi wɔn si hɔ na wɔnkura wɔn asɔfodie no mu; na ɔhɔhoɔ biara a ɔtwe pini ho no, wɔnku no.


Sɛdeɛ ɔkɔɔ Nyankopɔn fie, na ɔkɔdii Kyerɛ paanoo a, ɔne wɔn a wɔka ne ho no nni ho kwan sɛ wɔdie, gye asɔfoɔ nko ara no?


Ɛnna ɔsɔfoɔ no de akronkronneɛ no maa no, ɛfiri sɛ na paanoo biara nni hɔ sɛ Kyerɛ paanoo a wɔyi firi AWURADE anim de paanoohyeɛ bɛgu hɔ da a wɔyiiɛ no.


Nso na Saulo nkoa mu nipa bi wɔ hɔ da no, a wɔato no mu AWURADE anim, ne din de Doeg, Edomni a ɔyɛ Saulo mmoahwɛfoɔ mu panin.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios