Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 21:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na ɔmmfiri kronkronbea hɔ, na ɔnnhura ne Nyankopɔn kronkronbea ho, ɛfiri sɛ ne Nyankopɔn sra ngo no wɔ n’atifi: Mene AWURADE.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na ɔmmfiri kronkronbea hɔ, na ɔnnhura ne Nyankopɔn kronkronbea ho, ɛfiri sɛ ne Nyankopɔn sra ngo no wɔ n’atifi: Mene AWURADE.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 anaa nso sɛ ogu so reyɛ nʼasɔfodwuma wɔ kronkronbea hɔ a, ɛnsɛ sɛ ofi adi. Ɛnsɛ sɛ ɔfa me kronkronbea no sɛ ofi bi kɛkɛ, efisɛ ne Nyankopɔn ngo a wɔde tew ne ho no da so wɔ ne so. Mene Awurade.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Sɛ ɔgu so reyɛ nʼasɔfodwuma wɔ kronkronbea hɔ a, ɔnni ho kwan sɛ ɔfiri adi. Ɛnsɛ sɛ ɔfa mʼAhyiaeɛ Ntomadan sɛ efie bi kɛkɛ, ɛfiri sɛ, ne Onyankopɔn ngo a wɔde tee ne ho no da so wɔ ne so. Mene Awurade.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na ommfi kronkronbea hɔ, na onnhura ne Nyankopɔn kronkronbea ho, efisɛ ne Nyankopɔn sra ngo dwira no wɔ n'atifi: Mene AWURADE.

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 21:12
9 Referencias Cruzadas  

Na boro sika amapa traatraa, na kurukyire so sɛ nsɔanodeɛ nkurukyireeɛ sɛ: Kronkron ma AWURADE.


AWURADE Nyankopɔn honhom wɔ me so, ɛfiri sɛ AWURADE asra me ngo sɛ menka asɛmpa menkyerɛ amanehunufoɔ; wasoma me sɛ memmɛkyekyere wɔn a wɔn akoma abubuo werɛ, mempae ahofadie menkyerɛ nnommum ne nneduadan bue menkyerɛ apokyerɛfoɔ,


Na mommfiri ahyiaeɛ ntomadan no ano nso, na moanwuwu, ɛfiri sɛ AWURADE sra ngo no wɔ mo so. Na wɔyɛɛ sɛdeɛ Mose kaeɛ no.


Na ɔno deɛ, ɔbaabunu na ɔnwareɛ;


Na Mose faa sra ngo no bi ne afɔrebukyia no so mogya no bi de petee Aaron ne ne ntadeɛ ne ne mma ne ne mma ntadeɛ nyinaa so de dwiraa Aaron ne ne ntadeɛ ne ne mma ne ne mma ntadeɛ no.


Nna a watua ne ho adeɛ ama AWURADE no, ɔnnkɔ efunu ho.


Yesu a ɔfiri Nasaret, sɛdeɛ Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi sraa no, na ɔkyini yɛɛ yie, na ɔsaa wɔn a ɔbonsam hyɛɛ wɔn soɔ no yadeɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios