Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 20:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na monni m’ahyɛdeɛ so na monyɛ: Mene AWURADE a ɔyɛ mo kronkron no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na monni m’ahyɛdeɛ so na monyɛ: Mene AWURADE a ɔyɛ mo kronkron no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Ɛsɛ sɛ mudi me mmara nyinaa so, efisɛ mene Awurade a meyɛ mo kronkron no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɛsɛ sɛ modi me mmara nyinaa so, ɛfiri sɛ, mene Awurade a meyɛ mo kronkron no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na munni m'ahyɛde so na monyɛ, Mene AWURADE a ɔyɛ mo kronkron no.

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 20:8
19 Referencias Cruzadas  

Na wo nso ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Me home da no ara na monnie; na ɛyɛ me ne mo ntam nsɛnkyerɛnneɛ, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu, na moahunu sɛ me AWURADE na meyɛ mo kronkron.


Nanso mede me home nna maa wɔn, sɛ ɛnyɛ me ne wɔn ntam nsɛnkyerɛnneɛ, na wɔnhunu sɛ mene AWURADE a metee wɔn ho no.


na amanaman no ahunu sɛ mene AWURADE a mete Israel ho, berɛ a me kronkronbea si wɔn mu kɔsi daa no.


Monni m’ahyɛdeɛ so. Mma w’afieboa nnni afrafra mmforo wɔn ho; w’afuo nso, mfa adeɛ mfrafra nnua mu, na mma ntoma ahodoɔ mmienu nsasaawa nnka wo ho.


Na monni m’ahyɛdeɛ nyinaa ne m’atemmudeɛ nyinaa so nyɛ: Mene AWURADE.


Na monyɛ kronkron mma me, ɛfiri sɛ me AWURADE, meyɛ kronkron. Na mayi mo afiri aman mu sɛ mommɛyɛ me deɛ.


Na bu no kronkron, ɛfiri sɛ wo Nyankopɔn aduane na ɔde ba; ɔnyɛ onipa kronkron mma wo, ɛfiri sɛ kronkron ne me AWURADE a ɔyɛ mo kronkron no.


Na monnhura me din kronkron no ho, na wɔmmu me kronkron Israelfoɔ mu: Mene AWURADE a meyɛ mo kronkron a


Na obiara a ɔbɛyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛdeɛ no, ɔno ara ne me nuabarima ne onuabaa ne ɛna.


Mo anifirafoɔ ne nkwaseafoɔ! Deɛ ɛwɔ he na ɛso, sika kɔkɔɔ no anaa asɔredan a ɛma sika kɔkɔɔ no ho teɛ no?


Enti obiara a ɔbɛto mmara mu nsɛm nketewa yi mu baako, na ɔbɛkyerɛkyerɛ nnipa saa no, wɔbɛfrɛ no ketewa wɔ ɔsoro ahennie mu; na obiara a ɔbɛdi soɔ, na ɔbɛkyerɛkyerɛ no, ɔno na wɔbɛfrɛ no kɛseɛ ɔsoro ahennie mu.


Enti obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔyɛ no, mede no bɛto ɔbadwemma a ɔtoo n’aban wɔ botan soɔ no ho.


Sɛ monim yeinom na moyɛ a, nhyira ne mo.


Na Onyankopɔn mu na ɛfire na mowɔ Kristo Yesu mu, ɔno a wabɛyɛ nyansa a ɛfiri Nyankopɔn hɔ, ne tenenee, ahoteɛ ne ɔgyeɛ ama yɛn.


Na ɔno asomdwoeɛ Nyankopɔn no ara nte mo ho koraa, na ɔnhwɛ mo honhom ne mo kra ne mo nipadua so mu a ɛho remma asɛm biara yɛn Awurade Yesu Kristo ba mu.


Na yɛn deɛ, mo nti ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa, anuanom a Awurade dɔ mo, ɛfiri sɛ Onyankopɔn firi mfitiaseɛ ayi mo kɔ nkwagyeɛ mu, honhom ahoteɛ ne nokorɛ gyidie mu.


Na monyɛ asɛm no yɛfoɔ, na monnyɛ atiefoɔ nko ara nnaadaa mo ho.


Nhyira ne wɔn a wɔhoro wɔn ntadeɛ, sɛdeɛ wɔbɛnya nkwa dua no ho kwan, na wɔafa apono no ano akɔ kuro no mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios