Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 20:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Enti monte mo ho na monyɛ kronkron, na mene AWURADE mo Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Enti monte mo ho na monyɛ kronkron, na mene AWURADE mo Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 “ ‘Enti montew mo ho na monyɛ kronkron na mene Awurade mo Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 “ ‘Enti monte mo ho na monyɛ kronkron na mene Awurade mo Onyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Enti montew mo ho na monyɛ kronkron: na mene AWURADE mo Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 20:7
15 Referencias Cruzadas  

Na mene AWURADE mo Nyankopɔn, enti monte mo ho na monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ meyɛ kronkron; enti mommma mo kra ho nnkum, adeɛ biara a ɛwea a ɛtwe ne ho ase no ho.


Na mene AWURADE a meyii mo Misraim asase so sɛ mɛyɛ mo Nyankopɔn no; enti monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ meyɛ kronkron.


Kasa kyerɛ Israelfoɔ asafo no nyinaa na ka kyerɛ wɔn sɛ: Monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ me, AWURADE mo Nyankopɔn, meyɛ kronkron.


Na ɔnnhura n’asefoɔ ho ne man mu: Na mene AWURADE a meyɛ no kronkron.


Ntwamutam no ho nko na ɔmmma, na afɔrebukyia no ho na ɔnntwe mmpini, ɛfiri sɛ ɛdɛm wɔ ne ho: Na wanhura m’akronkronneɛ no ho, ɛfiri sɛ mene AWURADE a meyɛ wɔn kronkron.


Na bu no kronkron, ɛfiri sɛ wo Nyankopɔn aduane na ɔde ba; ɔnyɛ onipa kronkron mma wo, ɛfiri sɛ kronkron ne me AWURADE a ɔyɛ mo kronkron no.


sɛdeɛ ɔyii yɛn wɔ ɔdɔ mu, Kristo mu ansa na wɔrehyɛ wiase aseɛ, sɛ yɛnyɛ ahotefoɔ ne nnipa a wɔn ho nni asɛm n’anim.


Enti ɛnam sɛ moyɛ nnipa a Onyankopɔn ayi mo, ahotefoɔ ne adɔfo yi, monhyɛ timmɔborɔ, ayamyɛ, ahobrɛaseɛ adwene, ɔdwoɔ ne abodwokyɛre.


Na yei ne deɛ Onyankopɔn pɛ, sɛ mo ho bɛteɛ. Monyi mo ho mfiri adwamammɔ mu,


Na Onyankopɔn amfrɛ yɛn ankɔ efi mu, na mmom ahoteɛ mu.


Monni mo ne nnipa nyinaa ntam asomdwoeɛ ne ahoteɛ a obi kwati a, ɔrenhunu Awurade no akyiri.


Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Morentumi nsom AWURADE, ɛfiri sɛ ɔyɛ Onyankopɔn kronkron, Onyankopɔn ninkufoɔ ne no, ɔremfa mo mmarato ne mo bɔne nkyɛ mo.


Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monte mo ho, na ɔkyena AWURADE bɛyɛ mo mu anwanwadeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios