Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 20:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na obiara a ɔdane ne ho kɔ adebisafoɔ anaa adunsinfoɔ nkyɛn kɔdi wɔn akyi adwamammɔ kwan soɔ no, mɛma m’ani asa saa onipa no, na mɛtwa no afiri ne man mu atwene.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na obiara a ɔdane ne ho kɔ adebisafoɔ anaa adunsinfoɔ nkyɛn kɔdi wɔn akyi adwamammɔ kwan soɔ no, mɛma m’ani asa saa onipa no, na mɛtwa no afiri ne man mu atwene.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 “ ‘Metia obiara a ɔkɔ asuman ne ahonhom nkyɛn okodi wɔn akyi aguaman so, na matwa saa onipa no afi ne nkurɔfo mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 “ ‘Mɛtia obiara a ɔkɔ adebisafoɔ ne abayifoɔ hɔ abisa na ɔkɔdi wɔn akyi adwaman kwan so, na matwa saa onipa no asuo afiri ne nkurɔfoɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na obiara a ɔdan ne ho kɔ adebisafo anaa asumanfo nkyɛn kodi wɔn akyi aguamammɔ kwan so no, mɛma m'ani asa saa onipa no, na metwa no afi me man mu akyene.

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 20:6
17 Referencias Cruzadas  

Na hwɛ, wɔn a wɔfiri wo nkyɛn kɔ akyiri no bɛyera, wobɛsɛe wɔn a wɔfiri wo nkyɛn kɔbɔ adwaman nyinaa.


Sɛ n’agya mpene sɛ ɔde no ma no a, ɔnkari sika mma, sɛdeɛ wɔma mmaa bunu tiriadeɛ no.


Mma ɔbaa ntafowayifoɔ nntena ase.


Na sɛ wɔka kyerɛ mo sɛ: Mommisa asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ a wɔde nnomaa su ne asutuo kasa no a, ɛnyɛ ɔman no Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wɔbisa ne hɔ adeɛ anaa? Awufoɔ hɔ na wɔmmisa adeɛ mma ateasefoɔ?


Enti sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede m’ani masa mo na asi mo bɔne, na Yuda nyinaa ase ahye.


Na mo mu nnipa a wɔbɛfiri mu afire no, bɛkae me, amanaman a wɔafa wɔn nnommum kɔ hɔ no mu, sɛ mabubu wɔn adwamammɔ akoma a atwe afiri me ho, ne wɔn ani a ɛdi wɔn abosom akyiri adwamammɔ mu no; na wɔn ara wɔn ho bɛyɛ wɔn nwunu, nnebɔne a wɔayɛ, wɔn akyiwadeɛ nyinaa mu no ho.


Me man bisa wɔn dua hɔ adeɛ, na wɔn poma ka asɛm kyerɛ wɔn, ɛfiri sɛ adwamammɔ honhom adaadaa wɔn, na wɔafiri wɔn Nyankopɔn ase akɔbɔ adwaman.


Na obiara a ɔfiri Israel fie anaa ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ wɔn mu no mu a ɔdi mogya biara no, mɛma m’ani asa saa ɔkra a ɔdi mogya no, na matwa no afiri ne man mu atwene.


Mommfa mogya nnka biribi ho nnni. Monnni adebisasɛm na monngoro abayigorɔ.


Monnnane mo ho nnkɔ ɔdebisafoɔ nkyɛn, na monnhwehwɛ adunsinfoɔ akyiri kwan mmfa nngu mo ho fi wɔ wɔn ho: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Na ɔbarima anaa ɔbaa a adebisa anaa akɔm honhom wɔ ne mu no, kum na wɔnku wɔn; wɔnsi wɔn aboɔ; wɔn mogya gu wɔn atifi.


me deɛ, mɛma m’ani asa onipa no ne n’abusua, na mɛtwa ɔno ne wɔn a wɔdi n’akyire adwamammɔ kwan soɔ na wɔdi Molek akyire bɔ adwaman no nyinaa afiri wɔn man mu agu.


na ɛnyɛ mo nnwo a mohwɛ kae AWURADE mmara nsɛm nyinaa yɛ, na moankɔkyini anni mo akoma ne mo aniwa akyi, sɛdeɛ motaa gyae m’akyiridie kɔbɔ adwaman no.


Na ɛbaa sɛ yɛrekɔ bɔ mpaeɛ no, abaawa bi a ɔwɔ akɔm honhom bɛhyiaa yɛn; nso na ɔde nkɔmhyɛ ama ne wuranom anya wɔn ho sɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios