Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 19:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 na deɛ ɔdie no bɛsoa ne mmusuo, ɛfiri sɛ AWURADE akronkronneɛ na wagu ho fi, na wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri ne man mu atwene.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 na deɛ ɔdie no bɛsoa ne mmusuo, ɛfiri sɛ AWURADE akronkronneɛ na wagu ho fi, na wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri ne man mu atwene.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Sɛ mudi no nnansa so a, mudi ho fɔ na moagu Awurade kronkronyɛ nso ho fi, na wobetwa mo asu afi Awurade nkurɔfo mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Sɛ modi no nnansa so a, modi ho fɔ na moagu Awurade kronkronyɛ nso ho fi, na wɔbɛtwa mo asuo afiri Awurade nkurɔfoɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 na nea odi no bɛsoa ne mmusu, efisɛ AWURADE akronkronne ho na wahura, na wobetwa saa ɔkra no afi ne man mu akyene.

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 19:8
7 Referencias Cruzadas  

Obiara a ɔbɛfra bie a ɛte sɛ ɛno anaasɛ ɔde bi bɛka ɔhɔhoɔ no, wɔbɛtwa no afiri ne man mu atwene.


Na sɛ wɔdi no da a ɛtɔ so mmiɛnsa no a, ɛyɛ akyiwadeɛ, ɛnsɔ ani;


Na sɛ motwa mo asase so nnɔbaeɛ a, nwie wo nkwanseɛ deɛ no twa, na nni w’afuomdeɛ no mu mpɛpɛ;


Na wɔnnhura Israelfoɔ no akronkronneɛ a wɔde bɔ afɔdeɛ ma AWURADE no ho,


Na sɛ obi yɛ bɔne sɛ wate ntanka nne na ɔne ɛho danseni, sɛ ɔhunui oo, ɔtee oo, na wanka a, ɔbɛsoa ne mmusuo.


nanso ɔkra a ɔbɛdi asomdwoeɛ afɔdeɛ nam a ɛyɛ AWURADE dea no bie, na n’afideɛ da ne soɔ no, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri ne man mu atwene.


Na ɔkra bi a ɔbɛka afideɛ biara, onipa ho afideɛ bi oo, aboa a ne ho nteɛ oo, akyiwadeɛ biara a ɛho nteɛ oo, na ɔbɛdi AWURADE asomdwoeɛ afɔdeɛ nam no bie no, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri ne man mu atwene.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios