Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 19:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na monnka me din ho ntam atorɔ mu, na woanhura wo Nyankopɔn din ho: Mene AWURADE.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na monnka me din ho ntam atorɔ mu, na woanhura wo Nyankopɔn din ho: Mene AWURADE.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 “ ‘Monnka ntamhunu mfa ngu mo Nyankopɔn din ho fi, efisɛ mene Awurade.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 “ ‘Monnka ntanhunu mfa ngu mo Onyankopɔn din ho fi, ɛfiri sɛ, mene Awurade.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na monnka me din ho ntam atoro mu, na woanhura wo Nyankopɔn din ho: Mene AWURADE.

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 19:12
19 Referencias Cruzadas  

Ɔno ara n’ani so ɔbu onipa huhuo animtia, na ɔdi wɔn a wɔsuro AWURADE no ni, ɔka amanenya ntam a, ɔnsakyera.


Mmɔ AWURADE wo Nyankopɔn din kwa, na AWURADE remma deɛ ɔbɔ ne din kwa no mfa ne ho tɔtorɔtɔɔ.


Montie yei, O Yakob fie, mo a wɔde Israel din ato mo na mofiri Yuda asene mu no, mo a mode AWURADE din ka ntam na mobɔ Israel Nyankopɔn din, na ɛnyɛ nokorɛ anaa tenenee mu no.


Na moasane akɔgu me din ho fi, na mo nyinaa amema mo nkoa ne mo mfenaa a mogyaa wɔn kwan maa wɔfaa wɔn ho kɔdii sɛ wɔn kra pɛ no sane bae, na mohyɛɛ wɔn so sɛ wɔnyɛ mo nkoa ne mfenaa.


na sɛ woka ntam sɛ: AWURADE teasefoɔ nokorɛ mu, atemmuo ne tenenee mu a, amanaman ahyirahyira wɔn ho wɔ ne mu, na ɔno mu wɔahyehyɛ wɔn ho.


Ɛwom sɛ wɔka sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi deɛ, nanso ntam hunu na wɔkeka.


Mobɛbɔ korɔno, adi awu, asɛe awadeɛ, akeka ntanhunu, akɔhye aduhwam ama Baal, akɔdi anyame afoforɔ a monni wɔn akyi,


Na mfa w’asefoɔ mu bi mmɔ afɔdeɛ mmma Molek, na ngu wo Nyankopɔn din ho fi; mene AWURADE.


Na me nso mɛma m’ani asa onipa no, na matwa no afiri ne man mu atwene, ɛfiri sɛ, ɔde ne mma mu bi ama Molek de agu me kronkronbea no ho fi na wahura me din kronkron no ho.


Na Israelni baa no ba no kaa edin no ho abususɛm, na ɔdomee. Na wɔde no brɛɛ Mose. Nso ne na din de Selomit, Dibri ba a ɔfiri Dan abusuakuo mu;


anaasɛ wahunu biribi a ayera na ɔsane, na ɔka ntanhunu, sɛ onipa yɛ yeinom biara mu bɔne,


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yei ne nnome a ɛfiri adi fa asase nyinaa ani; na wɔnam so pra awifoɔ nyinaa firi ha na wɔnam so pra ntanhunukafoɔ nyinaa firi ha.


Mama no afiri adi, asafo AWURADE asɛm nie, na abɛhyɛne owifoɔ fie ne deɛ ɔde me din keka ntanhunu fie, na asoɛ ne fie mfimfini, na ahye ɛno ne emu nnua ne emu aboɔ.


Na mɛbɛn mo mabɛbu atɛn, na mɛyɛ ɔdanseni a ne ho yɛ herɛ matia ntafowayifoɔ ne awaresɛefoɔ ne wɔn a wɔkeka ntanhunu ne wɔn a wɔdi apaafoɔ apaadeɛ, okunafoɔ ne awisiaa amim, na wɔsisi ɔhɔhoɔ na wɔnsuro me no, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Mmɔ AWURADE wo Nyankopɔn din kwa, na AWURADE remma deɛ ɔbɔ ne din kwa ho nyɛ tɔtorɔtɔɔ.


Na me nuanom, yeinom nyinaa akyiri no, monnka ntam! Monnka ɔsoro anaa asase anaa ntam biara. Na momma mo aane nyɛ aane, na mo dabi nyɛ dabi, na moanhwe atemmuo mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios