Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 19:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Mommmɔ korɔno, na monnni kusum, na obiara nntwa ne yɔnko nkontompo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Mommmɔ korɔno, na monnni kusum, na obiara nntwa ne yɔnko nkontompo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 “ ‘Mommmɔ korɔn. “ ‘Munntwa atoro. “ ‘Na munnsisi obiara.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 “ ‘Mommmɔ korɔno. “ ‘Monntwa atorɔ. “ ‘Na monnsisi obiara.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Mommmɔ korɔn na munnni kusum, na obi nntwa ne yɔnko nkontompo.

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 19:11
28 Referencias Cruzadas  

Na Absalom asomfoɔ no duruu ɔbaa no nkyɛn efie hɔ no, wɔbisaa sɛ: Ɛhe na Ahimaas ne Yonatan wɔ? Na ɔbaa no kaa sɛ: Wɔatwa asuwa no kɔ. Na wɔhwehwɛɛ wɔn; na wɔanhu wɔn no, wɔsane baa Yerusalem.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me nso meyɛ odiyifoɔ sɛ wo, na ɔbɔfoɔ bi nam AWURADE asɛm so aka akyerɛ me sɛ: Kɔsane no na ɔne wo mmra wo fie, na ɔmmɛdi aduane na ɔnnom nsuo. Nanso atorɔ na ɔdi kyerɛɛ no.


Deɛ ɔtwa nkontompo rentena me dan mu, deɛ ɔkeka atorosɛm rennyina m’anim.


Mekaa m’akomatuo mu sɛ: Nnipa nyinaa yɛ atorofoɔ.


Nni wo yɔnko ho adansekurumu.


Mma w’ani mmmere wo yɔnko fie. Mma w’ani mmmere wo yɔnko yere anaa n’akoa anaa n’afenaa anaa ne nantwie anaa n’afunumu anaa biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea.


Sɛ obi kɔwia nantwie anaa odwan kum anaa ɔtɔn no a, ɔmfa anantwie nnum nsi nantwie baako no ananmu, ne nnwan nnan nsi odwan baako no ananmu.


Sɛ obi de sika anaa nnoɔma ma ne yɔnko asie na wɔwia wɔ onipa no fie na wɔhunu owifoɔ no a, owifoɔ no mmu mmɔ ho nhyɛ ananmu.


Ntie atesɛm hunu. Ɛne ɔbɔnefoɔ nnni nsawɔsoɔ sɛ wobɛdi nkontompo adanseɛ.


Nni wo yɔnko ho adanse hunu, na mfa w’ano nnaadaa.


Na ɛfiri wɔn mu akumaa so kɔsi wɔn mu ɔkɛseɛ soɔ, wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfoɔ, na ɛfiri odiyifoɔ so kɔsi ɔsɔfoɔ soɔ, wɔn nyinaa yɛ nkontompofoɔ.


na wo bobe turo nso, nni mu mpɛpɛ, na wo turo mu aba a ɛgugu fam no, ntase; gya ma ohiani ne ɔhɔhoɔ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Dabi da, na mmom ma Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafoɔ, na nnipa nyinaa nyɛ atorofoɔ, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Deɛ ɛbɛyɛ na woadi bem wɔ wo nsɛm mu, na wobu atɛn a, woadi nkonim.


Enti monyi atorɔ ntwene, na obiara nni ne yɔnko nokorɛ, ɛfiri sɛ yɛyeyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa.


Owifoɔ nnwia adeɛ bio, na mmom ɔmmɔ mmɔden mfa ne nsa nyɛ adwuma pa, na wanya biribi a ɔde bɛma deɛ ɔdi hia.


Monnnidi atorɔ nnkyerɛkyerɛ mo ho, ɛfiri sɛ moayi onipa dada no ne ne nneyɛɛ agu,


adwamammɔfoɔ ne mmarima a wɔne mmarima da, nnipatɔnfoɔ, atorofoɔ, ntantofoɔ ne biribiara a ɛka ho a ɛne nkyerɛkyerɛ pa no di asie,


Na ahufoɔ ne wɔn a wɔnnye nnie ne akyiwadeyɛfoɔ ne awudifoɔ ne nnwamammɔfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorofoɔ nyinaa bɛnya wɔn kyɛfa wɔ ɔtadeɛ a egya ne sɔfe dɛre mu no mu, ɛno ne owuprenu no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios