Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 19:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 na wo bobe turo nso, nni mu mpɛpɛ, na wo turo mu aba a ɛgugu fam no, ntase; gya ma ohiani ne ɔhɔhoɔ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 na wo bobe turo nso, nni mu mpɛpɛ, na wo turo mu aba a ɛgugu fam no, ntase; gya ma ohiani ne ɔhɔhoɔ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Saa ara na mo bobe so aba no nso, ɛnsɛ sɛ motew ne nyinaa. Na nea ɛbɛtew agu ase no nso, monntase. Munnyaw mma ahiafo ne akwantufo a wɔbɛfa hɔ no na mene Awurade mo Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Saa ara na mo bobe so aba no nso, ɛnsɛ sɛ mote so nyinaa. Na deɛ ɛbɛte agu aseɛ no nso, monntase. Monnya mma ahiafoɔ ne akwantufoɔ a wɔbɛfa hɔ no na mene Awurade mo Onyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 na wo bobe turo nso, nni mu mpɛpɛw, na wo turo mu aba a egugu fam no, ntase; gyaw ma ohiani ne ɔhɔho: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 19:10
16 Referencias Cruzadas  

Nanso ɛbɛka wɔn mu mpɛpɛwa no bi, sɛ ngodua poreɛ mu a aba mmienu anaa mmiɛnsa wɔ ntɛntɛnoa, nnan anaa nnum wɔ ne ban a aso yie no soɔ no: AWURADE, Israel Nyankopɔn, na ɔseɛ.


Na saa na ɛbɛba asase no soɔ, aman no mu, sɛ ngodua poreɛ, sɛ bobe abateɛ akyiri mpɛpɛdie.


Sɛ bobe abatefoɔ ba wo so a, wɔrennya wo mpɛpɛ anaa? Na sɛ anadwo akorɔmfoɔ ba a, wɔbɛsɛe deɛ ɛbɛso wɔn anaa?


Na mene AWURADE mo Nyankopɔn, enti monte mo ho na monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ meyɛ kronkron; enti mommma mo kra ho nnkum, adeɛ biara a ɛwea a ɛtwe ne ho ase no ho.


Mommmɔ korɔno, na monnni kusum, na obiara nntwa ne yɔnko nkontompo.


na afe a ɛtɔ so nnum no, monni n’aba, na ne nnɔbaeɛ nkɔ so nnɔɔso mma mo: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Na sɛ motwa mo asase so nnɔbaeɛ a, nwie wo nkwanseɛ deɛ no twa, na nni w’afuomdeɛ no mu mpɛpɛ;


Na sɛ motwa mo asase so nnɔbaeɛ a, nwie w’afuo nkwanseɛ deɛ twa, na nni wo nnɔbaeɛ no mu mpɛpɛ: Gya ma ohiani ne ɔhɔhoɔ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Na asase no home mu adeɛ nyɛ mo deɛ, na monni, wo ne w’akoa ne w’afenaa ne wo paani ne wo hɔhoɔ a wɔabɛtena wo nkyɛn,


Sɛ awifoɔ, anaa adwotwafoɔ ba wo so anadwo a, sɛ wɔrewia wo mpo a, anka wɔrennya wo ase anaa? Sɛ obobe abatefoɔ bɛtete w’aba a, anka wɔremma mpɛpɛ nka anaa?


Mennue, na mayɛ sɛ nnuabateɛ, sɛ bobe aba mpɛpɛdie, bobe esia a mɛdie, borɔdɔmakan a me kɔn dɔ no bi nni hɔ.


Sɛ wotwa w’aduane w’afuo mu na wo werɛ firi afi bi afuo mu hɔ a, nsane nkɔfa; ma no nyɛ ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ deɛ, na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo wɔ wo nsa ano adwuma nyinaa mu.


Sɛ wopore wo ngo dua a, nsane nkɔtwee so; ma no nyɛ ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ deɛ.


Sɛ wote wo bobeturom aba a, nsane nkɔdi so mpɛpɛ; ma no nyɛ ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ deɛ.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdeɛn na afei mayɛ a ɛte sɛ mo deɛ? Efraim mpɛpɛdie nyɛ nsene Abi-eser bobeteɛ nyinaa anaa?


Na Rut, Moabni baa no ka kyerɛɛ Naomi sɛ: Ma menkɔ mfuo mu menkɔdi mmɛtem no mpɛpɛ deɛ mɛnya n’anim animuonyam akyi. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me ba, kɔ ɛ!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios