Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 18:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Wo nuabaa a ɔyɛ w’agya ba anaa wo na ba no, wɔwoo no efie oo, wɔwoo no baabi oo, nyi wɔn adagya so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Wo nuabaa a ɔyɛ w’agya ba anaa wo na ba no, wɔwoo no efie oo, wɔwoo no baabi oo, nyi wɔn adagya so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 “ ‘Ɛnsɛ sɛ wo ne wo nuabea anaa wʼagya babea anaa wo na babea da, sɛ wɔwoo no ofi no mu anaa ofi foforo mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 “ ‘Anaa ne nuabaa anaa nʼagya babaa anaa ne maame babaa, sɛ wɔwoo no efie no mu anaa efie foforɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Wo nuabea a ɔyɛ w'agya ba anaa wo na ba no, wɔwoo no ofie oo, wɔwoo no baabi oo, nyi wɔn adagyaw so.

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 18:9
6 Referencias Cruzadas  

Na obi ne ne yɔnko yere yɛ akyiwadeɛ, na obi gu n’ase baa ho fi aniwudeɛ mu, wo mu na obi to ne nuabaa, n’agya ba, mmɔnaa.


Wo babanin babaa anaa wo babaa babaa, nyi wɔn adagya so, ɛfiri sɛ ɛyɛ w’adagya.


W’agya yere babaa a w’agya awo no no, ɔyɛ wo nuabaa, nyi n’adagya so.


Na ɔbarima a ɔfa ne nuabaa a ɔyɛ n’agya ba anaa ne na ba na ɔhunu n’adagya na ɔbaa no nso hunu n’adagya no, ɛyɛ animguasedeɛ, na wɔntwitwa wɔn ngu, wɔn man mma anim; wayi ne nuabaa adagya so; ɔnsoa ne mmusuo.


Nnome nka deɛ ɔne ne nuabaa, n’agya ba anaa ne na ba da. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios