Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 17:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na ɔsɔfoɔ no mfa mogya no mpete AWURADE afɔrebukyia no so, ahyiaeɛ ntomadan no ano, na ɔnhye sradeɛ no na ɛnyi hwa hwanhwam mma AWURADE.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na ɔsɔfoɔ no mfa mogya no mpete AWURADE afɔrebukyia no so, ahyiaeɛ ntomadan no ano, na ɔnhye sradeɛ no na ɛnyi hwa hwanhwam mma AWURADE.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Sɛ wɔfa saa kwan no so a, ɔsɔfo no betumi apete mogya agu Awurade afɔremuka no so wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano na wɔahyew srade no sɛ ohuam ama Awurade ani asɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Sɛ wɔfa saa ɛkwan no so a, ɔsɔfoɔ no bɛtumi apete mogya agu Awurade afɔrebukyia no so wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano na wɔahye sradeɛ no sɛ ohwam ama Awurade ani asɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na ɔsɔfo no mfa mogya no mpete AWURADE afɔremuka no so, ahyiae ntamadan no ano, na ɔnhyew srade no na enyi hua huamhuam mma AWURADE.

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 17:6
12 Referencias Cruzadas  

Na yi sradeɛ a ɛkata ayamdeɛ no ho nyinaa ne deɛ ɛsensɛne mmerɛboɔ no ho no, ne sawa mmienu no ne ɛso sradeɛ no, na hye no wɔ afɔrebukyia no so.


Na hye odwennini mu no nyinaa afɔrebukyia no so. Ɛyɛ AWURADE hyeɛ afɔdeɛ, adeɛ a ɛyi hwa hwanhwam, ɛyɛ AWURADE ogya afɔdeɛ.


Na asɔfoɔ Lewifoɔ, Sadok mma a wɔyɛ kronkronbea hɔ adwuma, berɛ a Israelfoɔ firii me nkyɛn kɔfomm kwan no, wɔn deɛ, wɔbɛbɛn me, asom me, na wɔagyina m’anim de sradeɛ ne mogya abrɛ me, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie,


na ama Israelfoɔ de wɔn afɔdeɛ a wɔkum wɔ ɛserɛ soɔ no abrɛ asɔfoɔ no ama wɔde abrɛ AWURADE wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano, na wɔakum abɔ AWURADE asomdwoeɛ afɔdeɛ.


Na ɔsɔfoɔ no nhye no afɔrebukyia no so: Ɛyɛ aduane afɔdeɛ a wɔbɔ no gya so ma AWURADE.


na ɔmfa ne nsa nto n’atifi, na ɔnku no, ahyiaeɛ ntomadan no ano, na Aaron mma no mfa ne mogya mpete afɔrebukyia no so nhyia.


Na ɔsɔfoɔ no nhye no wɔ afɔrebukyia no so; ɛyɛ ogya afɔreduane a ɛyi hwa hwanhwam; sradeɛ no nyinaa yɛ AWURADE dea.


Na ɔmfa ne nsa nto n’ayɛyɛdeɛ no atifi, na ɔnku no, ahyiaeɛ ntomadan no ano, na Aaron mma no, asɔfoɔ no, mfa mogya no mpete afɔrebukyia no so nhyia.


Na Aaron mma no nhye no afɔrebukyia no so, mpae ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛgu ogya no so, na ɛnyɛ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.


na ɔmfa ne nsa nto n’ayɛyɛdeɛ no atifi, na ɔnku no ahyiaeɛ ntomadan no ano, na Aaron mma no mfa ne mogya mpete afɔrebukyia no so nhyia.


Na ɔnyi ɛho sradeɛ sɛdeɛ wɔyi asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ no, na ɔsɔfoɔ no nhye no ɔhyeɛ afɔrebukyia no so, na ɛnyi hwa hwanhwam mma AWURADE; na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, na wɔde bɛkyɛ no.


Na nantwie abakan anaa odwanten abakan anaa abirekyie abakan deɛ, mma wɔnnhyɛ ananmu, na wɔyɛ kronkron; fa wɔn mogya pete afɔrebukyia no so na hye wɔn sradeɛ ma no nyɛ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios