Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 17:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na obiara a ɔfiri Israel fie anaa ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ wɔn mu no mu a ɔdi mogya biara no, mɛma m’ani asa saa ɔkra a ɔdi mogya no, na matwa no afiri ne man mu atwene.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Na obiara a ɔfiri Israel fie anaa ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ wɔn mu no mu a ɔdi mogya biara no, mɛma m’ani asa saa ɔkra a ɔdi mogya no, na matwa no afiri ne man mu atwene.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 “ ‘Na mɛdan mʼani atia obiara a obedi mogya wɔ ɔkwan biara so no; ɛmfa ho sɛ ɔyɛ Israelni anaa ɔhɔho a ɔte mo mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 “ ‘Na mɛdane mʼani matia obiara a ɔbɛdi mogya ɛkwan biara so no; ɛmfa ho sɛ ɔyɛ Israelni anaa ɔhɔhoɔ a ɔte mo mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na obiara a ofi Israel fi anaa ahɔho a wɔabɛsoɛ wɔn mu no mu a odi mogya biara no, mɛma m'ani asa saa ɔkra a odi mogya no, na matwa no afi ne man mu akyene.

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 17:10
25 Referencias Cruzadas  

Nam a ne mogya da so wɔ ne mu nko na monnnie.


na ɔse: Ɛmpare me, AWURADE, sɛ mɛyɛ yei. Mennom mmarima a wɔde wɔn kra too wɔn nsam kɔeɛ no mogya? Na wampɛ sɛ ɔnom. Yei na nnɔmmarima baasa no yɛeɛ.


AWURADE ani sa nnebɔneyɛfoɔ, sɛ ɔbɛhye wɔn ase, asase so.


Obiara a ɔbɛfra bie a ɛte sɛ ɛno anaasɛ ɔde bi bɛka ɔhɔhoɔ no, wɔbɛtwa no afiri ne man mu atwene.


Na mede m’ani makari kuro yi sɛ bɔne na ɛmmra ne soɔ, na ɛnyɛ papa, AWURADE asɛm nie, wɔde bɛhyɛ Babel hene nsa na ɔde ogya ahye.


Enti sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede m’ani masa mo na asi mo bɔne, na Yuda nyinaa ase ahye.


Na mɛma m’ani asa onipa no, na mɛdwiri no ama no ayɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne akasabebuo, na matwa no afiri me man mu, na moahunu sɛ mene AWURADE.


na mɛyi m’ani masa wɔn; wɔfiri ogya mu, na ogya ara na ɛbɛhye wɔn, na moahunu sɛ mene AWURADE, m’ani a meyi mesa wɔn no mu.


Enti ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Modi aboa a wɔantwa ne tiri nam, na momma mo ani so kyerɛ mo abosonhuhuo, na moka mogya gu, na mobɛfa asase no adi so anaa?


sɛ mode ananafoɔ mma, akoma mu momonotofoɔ ne honam mu momonotofoɔ baeɛ, sɛ wɔmmɛtena me kronkronbea ngu me fie ho fi, sɛ mode m’aduane, sradeɛ ne mogya baeɛ, na wɔsɛee m’apam, mo akyiwadeɛ nyinaa soɔ,


Ɛfiri sɛ ɔhonam biara nkwa wɔ mogya no mu, na mede ama mo, afɔrebukyia no so sɛ wɔmfa mpata mma mo ho; na mogya na wɔde pata ma ɔkra.


Mommfa mogya nnka biribi ho nnni. Monnni adebisasɛm na monngoro abayigorɔ.


Na mɛma m’ani asa mo, na moadi mo atamfoɔ anim nkoguo na wɔn a wɔkyiri mo ahyɛ mo so, na obi mpamo mo po a, moadwane.


Ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu ne mo tenabea nyinaa sɛ: Monnni sradeɛ anaa mogya biara.


na sɛ wɔkɔ nnommumfa mu, wɔn atamfoɔ anim a, ɛhɔ na mɛhyɛ afena na akunkum wɔn, na mede m’ani bɛhwɛ wɔn mama bɔne na ɛnyɛ papa.


na wɔntwerɛ nkɔma wɔn sɛ: Wɔnyi wɔn ho mfiri abosom afideɛ ne adwamammɔ ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya anguo na wɔwuiɛ ne mogya ho.


sɛ monyi mo ho mfiri nam a wɔakum ama abosom ne mogya ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya anguo na wɔwuiɛ ne adwamammɔ mu; ɛno na sɛ moyi mo ho firi ho a, ɛyɛ. Ɛnsi mo yie!


mogya no nko na monnnie, monhwie ngu fam sɛ nsuo.


Hwɛ yie mmom na hwɛ na woanni mogya, ɛfiri sɛ mogya ne ɔkra, na nni ɔkra nka nam no ho;


ne mogya nko na nnie, hwie gu fam sɛ nsuo.


Akatua a ɛnyɛ koraa bɛn na mususu sɛ ɛsɛ sɛ wɔde bɛtua deɛ watiatia Nyankopɔn Ba no soɔ, na wabu apam mogya a wɔde ate ne ho no ahuhudeɛ, na wasopa adom honhom no?


Na ɛdɔm no to kɔhyɛɛ asadeɛ no so, na wɔfaa nnwan ne anantwie ne anantwie mma kunkumm wɔn ɛfam, na ɛdɔm no dii no mogya mu.


Na wɔka kyerɛɛ Saulo sɛ: Hwɛ, ɛdɔm no reyɛ AWURADE bɔne sɛ wɔdi no mogya mu. Na ɔkaa sɛ: Moafom, mommuni ɔbo kɛseɛ mmrɛ me nnɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios