Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 16:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na Aaron mfa bɔne ho afɔdeɛ nantwinini a ɛyɛ ne deɛ no mmra, na ɔmfa mpata mma ɔno ara ne ho ne ne fie.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na Aaron mfa bɔne ho afɔdeɛ nantwinini a ɛyɛ ne deɛ no mmra, na ɔmfa mpata mma ɔno ara ne ho ne ne fie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 “Ɛsɛ sɛ Aaron de nantwi ba no bɛma Awurade sɛ bɔne ho afɔre a ɔrebɔ ama ne ho de ayɛ mpata ama ne ho ne ne fifo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 “Deɛ ɛdi ɛkan no, ɔde nantwie ba no bɛma Awurade sɛ bɔne ho afɔdeɛ a ɔrebɔ ama ne ho de ayɛ mpatadeɛ ama ne ho ne ne fiefoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na Aaron mfa bɔne ho afɔre nantwinini a ɛyɛ ne de no mmra, na ɔmfa mpata mma n'ankasa ne ho ne ne fi.

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 16:6
12 Referencias Cruzadas  

Na apontoɔ nna no fa wɔn so hyia a, Hiob soma kɔdwira wɔn, na ɔtua nhema kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ sɛdeɛ wɔn nyinaa dodoɔ teɛ, ɛfiri sɛ Hiob kaa sɛ: Ebia me mma no ayɛ bɔne na wɔadome Onyankopɔn wɔn akoma mu. Saa na na Hiob yɛ daa.


Asɔfoɔ, Lewifoɔ a wɔfiri Sadok asefoɔ mu a wɔbɛba abɛbɛn me sɛ wɔrebɛsom me no, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ma wɔn nantwiburuwa na wɔmfa mmɔ bɔne ho afɔdeɛ,


Na wɔwie nna no a, da a ɛtɔ so nwɔtwe de rekorɔ no, asɔfoɔ no mmɔ mo hyeɛ afɔdeɛ ne mo asomdwoeɛ afɔdeɛ, afɔrebukyia no so, na m’ani bɛsɔ mo, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Na yei ne deɛ Aaron mfa nhyɛne kronkronbea hɔ: Nantwininiburuwa a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ ne odwennini a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ.


Na ɔmfa mpapo mmienu no mmɛgyina AWURADE anim, ahyiaeɛ ntomadan no ano.


Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Twe pini afɔrebukyia no ho, na bɔ wo hyeɛ afɔdeɛ ne wo bɔne ho afɔdeɛ, na pata ma wo ho ne ɔman no; na fa ɔman no ayɛyɛdeɛ bra, na pata ma wɔn, sɛdeɛ AWURADE hyɛeɛ no.


Ɔno na ɛnhia no daa, sɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ no, sɛ ɔbɔ ɔno ara ne bɔne ho afɔdeɛ kane ansa na wabɔ ɔman no deɛ, na mmom ɔde ne ho bɔɔ afɔdeɛ no, ɔyɛɛ yei prɛko pɛ.


nso ɛnyɛ mmirekyie ne anantwie mma mogya, na mmom ɔno ara ne mogya so na ɔnam kɔɔ kronkronbea hɔ prɛko kɔnyaa daa ɔgyeɛ.


Na deɛ ɛtɔ so mmienu no deɛ, ɔsɔfo panin nko na afe biara ɔkɔ hɔ prɛko, ɔde mogya a ɔno ara, ne ɔman no mfomsoɔ nti ɔde kɔma.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios