Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 16:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na ɔmfa ogyasɔ adeɛ nnyansramma ma mfiri afɔrebukyia no so, AWURADE anim, ne aduhwam a wɔasi no fekɔfekɔ ne nsa mmienu ma, na ɔmfa nkɔ ntwamutam no akyi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na ɔmfa ogyasɔ adeɛ nnyansramma ma mfiri afɔrebukyia no so, AWURADE anim, ne aduhwam a wɔasi no fekɔfekɔ ne nsa mmienu ma, na ɔmfa nkɔ ntwamutam no akyi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Ɛsɛ sɛ ɔfa ade a wɔhyew aduhuam wɔ mu a nnyansramma a wɔfaa wɔ Awurade afɔremuka no so ayɛ no ma. Afei ɔde aduhuam a wɔayam no muhumuhu bɛyɛ ne nsam na ɔde akɔ ntwamtam no akyi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 ɔbɛfa adeɛ a wɔhye aduhwam wɔ mu a egyasramma a wɔfaa no Awurade afɔrebukyia no so ayɛ no ma. Afei ɔde aduhwam a wɔayam no muhumuhu bɛyɛ ne nsam na ɔde akɔ ntwamutam no akyi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na ɔmfa gyasɔ ade nnyansramma ma mfi afɔremuka no so, AWURADE anim, ne aduhuam a wɔasiw no fekɔfekɔ ne nsa abien ma, na ɔmfa nkɔ ntwamu mmɔhɔɔ no akyi;

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 16:12
13 Referencias Cruzadas  

ne sra ngo no ne kronkronbea aduhwam a wɔhyeɛ no. Wɔnyɛ no sɛdeɛ mahyɛ woɔ nyinaa.


Na ɔyɛɛ sra ngo kronkron ne ɛhyeɛ aduhwam korɔgyenn no, sɛdeɛ odufrafoɔ fra no.


Na Aaron mma Nadab ne Abihu fefaa wɔn gyasɔ adeɛ, na wɔde ogya guguu mu, na wɔde aduhwam guguu so, na wɔde ananagya a ɔnhyɛɛ wɔn ho mmara baa AWURADE anim.


Na wɔn mu obiara faa ne kukuwa, na wɔsosoo gya guguu mu, na wɔde aduhwam guguu so de bɛgyinagyinaa ahyiaeɛ ntomadan no ano, wɔne Mose ne Aaron.


Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Fa kukuwa no, na so afɔrebukyia no so gya gu mu, na yɛ ntɛm fa kɔ asafo no nkyɛn kɔpata ma wɔn, ɛfiri sɛ abufuhyeɛ afiri AWURADE anim afi. Ɔyaredɔm no afiri aseɛ.


wɔde w’atemmudeɛ bɛkyerɛ Yakob, na wɔde wo mmara akyerɛ Israel; wɔde aduhwam bɛtua wo hwene ano, na wɔde afɔdeɛ amuamu abɛgu w’afɔrebukyia so.


mprɛ ahe ara na Kristo a ɔnam daa honhom so de ne ho bɔɔ afɔdeɛ, a ɛho nni dɛm maa Onyankopɔn no mogya rente mo ahonim ho mfiri nnwuma funu mu nkɔsom Onyankopɔn a ɔte aseɛ?


Na deɛ ɛtɔ so mmienu no deɛ, ɔsɔfo panin nko na afe biara ɔkɔ hɔ prɛko, ɔde mogya a ɔno ara, ne ɔman no mfomsoɔ nti ɔde kɔma.


Na sɛ yɛnam hann mu sɛ ɔno wɔ hann mu no a, na yɛwowɔ ayɔnkofa wɔ yɛn ntɛm, na ne Ba Yesu mogya te yɛn ho firi bɔne nyinaa mu.


Na ɔbɔfoɔ no faa ohwam kuruwa no de afɔrebukyia no so gya bi hyɛɛ mu ma, na ɔto guu asase so. Na aprannaa, ne nne ahodoɔ ne anyinam ne asasewosoɔ bae.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios