Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 14:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na da a ɛtɔ so nson no, ɔnyi ne ho nwi nyinaa, ne tiri ne ne bɔgyesɛ ne n’anintɔnnwi nyinaa na ɔnyie; na ɔnsi ne ntadeɛ, na ɔmfa nsuo nnware ne honam, na ne ho ate.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Na da a ɛtɔ so nson no, ɔnyi ne ho nwi nyinaa, ne tiri ne ne bɔdwesɛ ne ne ntɔnnwi nyinaa na ɔnyie; na ɔnsi ne ntadeɛ, na ɔmfa nsuo nnware ne honam, na ne ho ate.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Nnanson no so no, obeyi ne ho nwi nyinaa bio, obeyi nʼabogyesɛ ayi nʼanintɔn nwi na wayi ne ho nwi a aka nyinaa, na waguare, na afei wɔapae mu aka sɛ ne ho atew.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Nnanson no so no, ɔbɛyi ne ho nwi nyinaa bio, ɔbɛyi nʼabɔgyesɛ ayi nʼanintɔn nwi na wayi ne ho nwi a aka nyinaa, na wadware, na afei wɔapae mu aka sɛ ne ho ate.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na da a ɛto so ason no, onyi ne ho nwi nyinaa, ne ti ne ne bogyesɛ ne ne ntɔnka nwi nyinaa na onyi; na ɔnhoro ne ntade, na ɔmfa nsu nguare ne honam na ne ho atew.

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 14:9
5 Referencias Cruzadas  

Na sɛ obi kɔwu mpofirim wɔ ne nkyɛn ma ɔgu n’ahotua tiri ho fi a, ɔnyi ne tiri n’ahodwira da a ɛne da a ɛtɔ so nson no mu.


Na sɛdeɛ dwira wɔn nie: Fa bɔneyie nsuo pete wɔn so, na wɔmfa yiwan nyi wɔn ho nyinaa, na wɔnsi wɔn ntadeɛ, na wɔmfa nte wɔn ho.


Na deɛ wɔate ne ho no nsi ne ntadeɛ na ɔnyi ne nwi nyinaa koraa, na ɔmfa nsuo nnware na ne ho ate; na ɛno akyiri no ɔmmra nsraban no mu, nanso ɔntena ne ntomadan akyi nnanson.


na ɔsɔfoɔ no nhye ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ no afɔrebukyia no so, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no na ne ho ate.


ɛnneɛ fa no bra wo fie, na ɔnyi ne ti, na ɔmmubu ne mmɔwerɛ,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios