Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 14:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na deɛ wɔate ne ho no nsi ne ntadeɛ na ɔnyi ne nwi nyinaa koraa, na ɔmfa nsuo nnware na ne ho ate; na ɛno akyiri no ɔmmra nsraban no mu, nanso ɔntena ne ntomadan akyi nnanson.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na deɛ wɔate ne ho no nsi ne ntadeɛ na ɔnyi ne nwi nyinaa koraa, na ɔmfa nsuo nnware na ne ho ate; na ɛno akyiri no ɔmmra nsraban no mu, nanso ɔntena ne ntomadan akyi nnanson.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 “Na ɔyarefo a ne ho atɔ no no bɛhoro ne ntama nyinaa. Obeyi ne ho nwi nyinaa nso. Obeguare na wasan abɛtena faako a kan no na ɔte hɔ no bio; nanso ɛsɛ sɛ ɔtena ne ntamadan akyi nnanson.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 “Na ɔyarefoɔ a ne ho atɔ no no bɛsi ne ntoma nyinaa. Ɔbɛyi ne ho nwi nyinaa nso. Ɔbɛdware na wasane abɛtena baabi a kane no na ɔte hɔ bio; nanso ɛsɛ sɛ ɔtena ne ntomadan akyi nnanson.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na nea wɔatew ne ho no nhoro ne ntade na onyi ne nwi nyinaa koraa, na ɔmfa nsu nguare na ne ho atew; na ɛno akyi no, ɔmmra nsra no mu, nanso ɔntena ne ntamadan akyi nnansɔn.

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 14:8
19 Referencias Cruzadas  

Na Ɔhene Usia yaree kwata kɔsii ne wuda, na ɔtenaa ayarefoɔ fie sɛ ɔkwatani, na wɔsii no AWURADE fie kwan. Na ne ba Yotam dii ɔhene fie no so, na ɔbuu asase no so man no atɛn.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ ɔman no nkyɛn na dwira wɔn ho nnɛ ne ɔkyena, na ma wɔnsi wɔn ntadeɛ;


Na Mose siane firii bepɔ no so baa ɔman no nkyɛn, na ɔdwiraa ɔman no ho, na wɔsii wɔn ntadeɛ.


Na obiara a ɔsoa wɔn afunu no, ɔnsi ne ntadeɛ, ɛfiri sɛ ne ho nte kɔsi anwummerɛ.


na ɔsɔfoɔ no nhye ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ no afɔrebukyia no so, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no na ne ho ate.


Na da a ɛtɔ so nson no, ɔnyi ne ho nwi nyinaa, ne tiri ne ne bɔgyesɛ ne n’anintɔnnwi nyinaa na ɔnyie; na ɔnsi ne ntadeɛ, na ɔmfa nsuo nnware ne honam, na ne ho ate.


Na sɛ ɔhosenefoɔ no ho te firi n’ahosene no mu a, ɔnkan nnanson ngu n’ahofire so, na ɔnsi ne ntadeɛ, na ɔmfa mmasuo nnware ne honam, na ne ho ate.


Na Mose de Aaron ne ne mma no bae, na ɔde nsuo hohoroo wɔn ho;


Na sɛ obi kɔwu mpofirim wɔ ne nkyɛn ma ɔgu n’ahotua tiri ho fi a, ɔnyi ne tiri n’ahodwira da a ɛne da a ɛtɔ so nson no mu.


Na sɛdeɛ dwira wɔn nie: Fa bɔneyie nsuo pete wɔn so, na wɔmfa yiwan nyi wɔn ho nyinaa, na wɔnsi wɔn ntadeɛ, na wɔmfa nte wɔn ho.


ɛnneɛ fa no bra wo fie, na ɔnyi ne ti, na ɔmmubu ne mmɔwerɛ,


Ɛno na afei ne nsɛsoɔ a ɛno ne asubɔ no, gye mo nso nkwa, a ɛnyɛ honam ho fi yi mu, na mmom ɛyɛ ahonim pa ho adebisa a Yesu Kristo wusɔreɛ nti yɛnam so yɛ Nyankopɔn deɛ.


Na meka mekyerɛɛ no sɛ: Owura, wo na wonim. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yeinom ne wɔn a wɔfiri ahohia kɛseɛ no mu, na wɔahoro wɔn ntadeɛ ama no ahoa wɔ adwammaa no mogya no mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios