Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 13:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ, na hwɛ, ntwintwameeɛ no ayerɛ wedeɛ no mu a, ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho nteɛ; ɛyɛ kwata.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ, na hwɛ, ntwintwameeɛ no ayerɛ wedeɛ no mu a, ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho nteɛ; ɛyɛ kwata.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 na ɔhwɛ no na sɛ ɔyare no atrɛtrɛw wɔ ɔhonam no ani a, afei, ɔbɛpae mu aka sɛ amanne kwan so no, ne ho ntew na ɛyɛ ɔhonam ani nsanyare.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 na ɔhwɛ no na sɛ yadeɛ no atrɛtrɛ ɔhonam no ani a, afei, ɔbɛpae mu aka sɛ amanneɛ kwan so no, ne ho nte na ɛyɛ ɔhonam ani nsaneyadeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 na sɛ ɔsɔfo no hwɛ, na hwɛ, ntwintwamee no ayerɛw were no mu a, ɔsɔfo no mmu no nea ne ho ntew; ɛyɛ kwata.

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 13:8
9 Referencias Cruzadas  

Sɛ biribi ba onipa honam wedeɛ mu, sɛ nsoa oo, ntwintwameeɛ oo, ntampeɛ oo, na ɛdidi ne honam wedeɛ mu yɛ kwata ntotɔeɛ a, wɔmfa no mmrɛ Ɔsɔfoɔ Aaron anaa ne mma, asɔfoɔ no mu baako.


Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ honam wedeɛ mu ntotɔeɛ no, na ntotɔeɛ no so nwi adane fitaa, na ntotɔeɛ no atotɔ mu asene ne honam wedeɛ no a, ɛyɛ kwata ntotɔeɛ; na ɔsɔfoɔ no hwɛ no a, ɔmmu no deɛ ne ho nteɛ.


Nanso ɔde ne ho akɔkyerɛ ɔsɔfoɔ wɔ n’ahoteɛ ho no akyiri no, sɛ ntwintwameeɛ no yerɛ ne wedeɛ mu a, wɔmma ɔsɔfoɔ no nhwɛ no bio;


Sɛ kwata ntotɔeɛ wɔ onipa bi ho a, wɔmfa no mmrɛ ɔsɔfoɔ no.


Hyɛ Israelfoɔ no na wɔntu akwatafoɔ nyinaa ne wɔn a wɔn ho sene gu nyinaa ne obiara a ɔde efunu agu ne ho fi no mfiri nsraban no mu.


Wonni asɛm yi mu kyɛfa anaa apɛgyadeɛ, ɛfiri sɛ w’akoma ntene Nyankopɔn anim.


Wɔhyɛ wɔn adehyedie ho bɔ, na wɔn ara deɛ, wɔyɛ ɔporɔ nkoa, ɛfiri sɛ deɛ adi obi so nkonim no, ɛno na ɛyɛ no akoa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios