Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 11:44 - New Revised Asante Twi Bible

44 Na mene AWURADE mo Nyankopɔn, enti monte mo ho na monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ meyɛ kronkron; enti mommma mo kra ho nnkum, adeɛ biara a ɛwea a ɛtwe ne ho ase no ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

44 Na mene AWURADE mo Nyankopɔn, enti monte mo ho na monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ meyɛ kronkron; enti mommma mo kra ho nnkum, adeɛ biara a ɛwea a ɛtwe ne ho ase no ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

44 Mene Awurade wo Nyankopɔn. Momma mo ho ntew wɔ saa nneɛma yi nyinaa ho na monyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron. Eyi nti, mommfa mo nsa nkɔka mmoa a wɔwea wɔ fam yi mu biara mfa ngu mo ho fi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

44 Mene Awurade wo Onyankopɔn. Momma mo ho nte wɔ saa nneɛma yi nyinaa ho na monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ, meyɛ kronkron. Yei enti, mommfa mo nsa nkɔka mmoa a wɔwea fam yi mu biara mfa ngu mo ho fi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

44 Na mene AWURADE mo Nyankopɔn, enti montew mo ho na monyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron; enti mommma mo kra ho nnkum ade biara a ɛwea a ɛtwe ne ho ase no ho.

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 11:44
34 Referencias Cruzadas  

Momma AWURADE yɛn Nyankopɔn so, na monkoto nsɔre ne nan ase adwa anim. Ɔno na ɔyɛ kronkron.


Momma AWURADE, yɛn Nyankopɔn, so, na monkoto nsɔre wɔ ne bepɔ kronkron so, na AWURADE, yɛn Nyankopɔn, ne kronkron.


Ka kyerɛ wɔn sɛ: Anwummerɛ mobɛdi nam, na anɔpa moadi aduane amee, na moahunu sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ ɔman no nkyɛn na dwira wɔn ho nnɛ ne ɔkyena, na ma wɔnsi wɔn ntadeɛ;


Na mo deɛ, mobɛyɛ me asɔfoɔ ahemman ne ɔman kronkron. Yeinom ne nsɛm a ka kyerɛ Israelfoɔ no.


Mene AWURADE wo Nyankopɔn a meyii wo Misraim asase so nkoafie mu no.


Saa ara na yɛ w’anantwie ne wo nnwan; nnanson na ɔne ne na ntena, da a ɛtɔ so nwɔtwe no, fa no brɛ me.


Na monyɛ nnipa kronkron mma me, na monnni nam bi a wɔatete mu wɔ wiram; monto ntwene mma akraman.


Na monsom AWURADE mo Nyankopɔn na wahyira w’aduane ne wo nsuo so, na mayi yadeɛ afiri wo mu.


Na mɛfa mo mayɛ me man, na mayɛ Onyankopɔn ama mo, na moahunu sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn a ɔgyee mo firii Misraim nkoasom mu.


Na me, AWURADE, mene wo Nyankopɔn, Israel Kronkronni, wo gyefoɔ no. Mede Misraim ayɛ agyedeɛ ama wo, mede Etiopia ne Saba asi wo ananmu.


Na mene AWURADE, wo Nyankopɔn, a ɔhwanyan ɛpo ma n’asorɔkyeɛ yɛ huu no, asafo AWURADE ne ne din.


Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Ɛno ne deɛ AWURADE kaa sɛ: Wɔn a wɔtwe pini me no mu na mɛyɛ me ho kronkron, na ɔman no nyinaa anim na mɛhyɛ me ho animuonyam.


Monnyɛ mo ho akyiwadeɛ wɔ mmoa a wɔwea no biara ho, na monnyɛ mo ho fi a ɛmma mo ho nteɛ wɔ wɔn ho.


Kasa kyerɛ Israelfoɔ na ka kyerɛ wɔn sɛ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.


na wo bobe turo nso, nni mu mpɛpɛ, na wo turo mu aba a ɛgugu fam no, ntase; gya ma ohiani ne ɔhɔhoɔ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Kasa kyerɛ Israelfoɔ asafo no nyinaa na ka kyerɛ wɔn sɛ: Monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ me, AWURADE mo Nyankopɔn, meyɛ kronkron.


Mo mu biara mmu ne na ne n’agya, na monni me home nna no: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Monnnane mo ho nnkɔ abosonhuhuo no nkyɛn, na monnyɛ ahoni a wɔaguo te sɛ anyame mmfa: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Na monyɛ kronkron mma me, ɛfiri sɛ me AWURADE, meyɛ kronkron. Na mayi mo afiri aman mu sɛ mommɛyɛ me deɛ.


Enti monte mo ho na monyɛ kronkron, na mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Na bu no kronkron, ɛfiri sɛ wo Nyankopɔn aduane na ɔde ba; ɔnyɛ onipa kronkron mma wo, ɛfiri sɛ kronkron ne me AWURADE a ɔyɛ mo kronkron no.


Baanu bɔ mu nante a wɔanyɛ nokorɔ ansa?


Deɛ ɛbɛyɛ na moakae me mmara nsɛm nyinaa ayɛ, na moayɛ kronkron ama mo Nyankopɔn.


Enti monyɛ pɛ, sɛdeɛ mo Agya a ɔwɔ soro yɛ pɛ no.


na ɔman kronkron ne wo ma AWURADE wo Nyankopɔn, na wo na AWURADE ayi wo sɛ yɛ no ahodeɛ man, asase so aman nyinaa mu.


Na Onyankopɔn amfrɛ yɛn ankɔ efi mu, na mmom ahoteɛ mu.


Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Morentumi nsom AWURADE, ɛfiri sɛ ɔyɛ Onyankopɔn kronkron, Onyankopɔn ninkufoɔ ne no, ɔremfa mo mmarato ne mo bɔne nkyɛ mo.


Na mo deɛ, moyɛ abusua a wɔayi wɔn, ahene asɔfokuo, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ɔno ara ne deɛ, sɛ monka deɛ ɔfrɛɛ mo firi esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwanwa mu no ayeyie nkyerɛ.


Deɛ ɔntene no nntene ara, na deɛ ɔyɛ fi no nyɛ fi ara. Na deɛ ɔtene no ntene ara, na deɛ ɔyɛ kronkron no nyɛ kronkron ara.


Obiara nyɛ Kronkron sɛ AWURADE, na obiara nni w’akyi, na Ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Nyankopɔn.


Na Bet-semesfoɔ no kaa sɛ: Hwan na ɔbɛtumi agyina AWURADE, Onyankopɔn kronkronni yi anim, na hwan nkyɛn na ɔmfiri yɛn nkyɛn nkorɔ?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios