Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 10:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Monni no deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, na ɛyɛ AWURADE gya afɔdeɛ ho kyɛfa ma wo ne wo mma, ɛfiri sɛ saa na wɔahyɛ me.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Monni no deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, na ɛyɛ AWURADE gya afɔdeɛ ho kyɛfa ma wo ne wo mma, ɛfiri sɛ saa na wɔahyɛ me.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Munni wɔ kronkronbea hɔ. Ɛyɛ wo ne wo mmabarima no dea, na ɛyɛ wo ne wo mmabarima no kyɛfa a efi aduan afɔrebɔ a wɔde brɛɛ Awurade no mu; efisɛ saa na wɔahyɛ sɛ menyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Enti monni no kronkronbea hɔ. Ɛyɛ wo ne wo mmammarima dea, na ɛyɛ wo ne wo mmammarima no kyɛfa a ɛfiri afɔdeɛ a wɔde ogya bɔ maa Awurade no mu. Yei na wɔahyɛ sɛ menyɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Munni no nea ɛhɔ yɛ kronkron, na ɛyɛ AWURADE gya afɔre ho kyɛfa ma wo ne wo mma, efisɛ saa na wɔahyɛ me.

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 10:13
7 Referencias Cruzadas  

Na nkaeɛ no, Aaron ne ne mma no nni no apiti, wɔnni no deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, ahyiaeɛ ntomadan no adihɔ na wɔnnie.


Na aduane afɔdeɛ no mu deɛ ɛbɛka no nyɛ Aaron ne ne mma dea, AWURADE gya mu akronkronneɛ mu ade kronkron ne no.


Di no faako a ɛhɔ yɛ kronkron pa ara, mmarima nyinaa nni bi, ɛnyɛ wo ade kronkron.


Na Mose kasa kyerɛɛ Aaron ne ne mma Eleasa ne Itamar a wɔkaeɛ no sɛ: Momfa AWURADE gya afɔdeɛ mu aduane a ɛkaeɛ no, na monni no apiti, afɔrebukyia no ho, ɛfiri sɛ ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron.


Na ohim yan no ne mmasoɔ srɛ no, monni no deɛ ɛhɔ teɛ, wo ne wo mmammarima ne wo mmammaa nyinaa, ɛfiri sɛ ɛyɛ wo kyɛfa ne wo mma kyɛfa a wɔde ama mo afiri Israelfoɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ mu.


Na obiara akronkronneɛ yɛ ɔsɔfoɔ no dea; deɛ obiara de ma ɔsɔfoɔ no yɛ ne dea.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Atifi fam adammoa ne anafoɔ fam adammoa a ɛsisi adihɔ no anim no ne adammoa kronkron a asɔfoɔ a wɔbɛn AWURADE no bɛdi akronkronneɛ mu akronkronneɛ no; ɛhɔ na wɔmfa akronkronneɛ mu akronkronneɛ nguguo, aduane afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ ne asodie ho afɔdeɛ no, na ɛhɔ yɛ kronkron.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios