Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 10:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 na moakyerɛkyerɛ Israelfoɔ ahyɛdeɛ a AWURADE nam Mose so ka kyerɛɛ wɔn no nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 na moakyerɛkyerɛ Israelfoɔ ahyɛdeɛ a AWURADE nam Mose so ka kyerɛɛ wɔn no nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 na woatumi akyerɛkyerɛ Israelfo mmara a Awurade nam Mose so de ama mo no nyinaa.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 na kyerɛ wɔn mmara a Awurade nam Mose so de ama no nyinaa.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 na moakyerɛkyerɛ Israelfo ahyɛde a AWURADE nam Mose so ka kyerɛɛ wɔn nyinaa.

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 10:11
16 Referencias Cruzadas  

Na Israel nna bebree wɔ hɔ a wɔnni nokorɛ Nyankopɔn na wɔnni ɔsɔfoɔ a ɔkyerɛkyerɛ, na wɔnni mmara.


Na wɔkɔkyerɛkyerɛɛ Yuda; na wɔkura AWURADE mmara nwoma no, kyinii Yuda nkuro nyinaa mu, kyerɛkyerɛɛ ɔman no mu.


Na Hesekia kaa Lewifoɔ a wɔwɔ AWURADE ho nimdeɛ pa no nyinaa abotɔyam asɛm, na wɔdii afahyɛ afɔrebɔdeɛ no nnanson, na wɔbobɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ, na wɔkamfoo AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no.


Na Ɔsɔfoɔ Esra de mmara no baa badwa a mmarima ne mmaa ne obiara a ɔbɛtumi atie ate aseɛ no wɔ mu no anim, bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛdi kan.


Na wɔkenkann Nyankopɔn mmara nwoma no kofee, na wɔkyerɛɛ aseɛ maa wɔtee ne kenkan no ase.


Na wɔkaa sɛ: Mommra mma yɛnkɔpam Yeremia tiri so, na mmara renyera mfiri ɔsɔfoɔ hɔ, na afotuo rempa onyansafoɔ anomu, na asɛm remmɔ odiyifoɔ. Mommra mma yɛmfa tɛkyerɛma nkum no, na mommma yɛnnyɛ aso nntie ne nsɛm no biara.


Asɔfoɔ no ammisa sɛ: Ɛhe na AWURADE wɔ? Na mmarakyerɛfoɔ no nnim me, na ahwɛfoɔ no afom me, na adiyifoɔ no nam Baal so hyɛɛ nkɔm, na wɔdii nnoɔma a ɛho nni mfasoɔ akyi.


Na ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ ano kora nimdeɛ, na wɔnyɛ nhwɛsoɔ mma afoforɔ, mmara no so die mu, ɛfiri sɛ asafo AWURADE bɔfoɔ ne no.


na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni deɛ mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kɔsi wiase awieeɛ.


ɛfiri sɛ mansi biribiara so, sɛ ebia merenka Nyankopɔn tiri mu agyina nyinaa menkyerɛ mo.


Na di asɛm a wɔbɛkyerɛ wo faako a AWURADE bɛkyerɛ no so, na hwɛ na yɛ sɛdeɛ wɔbɛkyerɛ woɔ nyinaa.


Mmara a wɔbɛkyerɛ woɔ ne atemmuo a wɔbɛka akyerɛ woɔ no so na die, mmane mfiri asɛm a wɔbɛkyerɛ woɔ no ho nkɔ nifa anaa benkum.


Hwɛ yie kwata yadeɛ ho, na woahwɛ ayɛ sɛdeɛ asɔfoɔ Lewifoɔ no bɛkyerɛ mo no nyinaa pɛpɛɛpɛ; sɛdeɛ mehyɛɛ wɔn no, saa na monhwɛ nyɛ.


wɔde w’atemmudeɛ bɛkyerɛ Yakob, na wɔde wo mmara akyerɛ Israel; wɔde aduhwam bɛtua wo hwene ano, na wɔde afɔdeɛ amuamu abɛgu w’afɔrebukyia so.


Na monim ahyɛdeɛ a yɛnam Awurade Yesu so de maa mo no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios