Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 1:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 Na ɔnsuane no mu, n’atabu so, nanso ɔnnte mu, na ɔsɔfoɔ no nhye wɔ afɔrebukyia no so; ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

17 Na ɔnsuane no mu, n’atabu so, nanso ɔnnte mu, na ɔsɔfoɔ no nhye wɔ afɔrebukyia no so: Ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Afei, ɔbɛtwe ne ntaban mu ama emu ntin no atetew asensɛn hɔ, na ɔsɔfo no ahyew no wɔ afɔremuka no so. Ɛyɛ ɔhyew afɔre, aduan afɔrebɔ, ehua a ɛsɔ Awurade ani.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Afei, ɔbɛtwe nʼatabu mu ama emu ntini no atete asensɛn hɔ. Na ɔsɔfoɔ no ahye no wɔ afɔrebukyia no so na Awurade de anigyeɛ bɛgye saa afɔrebɔ yi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

17 Na onsuan ne mu, ne ntaban ho, nanso ɔnntew mu, na ɔsɔfo no nhyew wɔ afɔremuka no so, wɔ ogya no so, ɛyɛ ɔhyew afɔre, ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE.

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 1:17
20 Referencias Cruzadas  

Na ɔde yei nyinaa brɛɛ no, na ɔpaepaee wɔn mu mmienu mmienu, na ɔde afaafa no kyerɛkyerɛɛ anim totoo hɔ; na nnomaa no deɛ, wampaapae wɔn mu.


Na AWURADE tee afɔdeɛ no hwam no, ɔkaa no n’akoma mu sɛ: Onipa nti merennome asase bio, ɛfiri sɛ onipa akoma mu adwene yɛ bɔne firi ne mmɔfraase, na merensɛe deɛ ɛte aseɛ nyinaa bio, sɛdeɛ mayɛ yi.


Na worennya me kra Asamando, woremma wo hoteni nhunu Amena mu porɔeɛ.


Na ayamdeɛ ne nnyawa no, ɔmfa nsuo nhohoro ho; na ɔsɔfoɔ no mfa ne nyinaa mmra mmɛhye no afɔrebukyia no so; ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.


Na ɔmfa mmrɛ Aaron mma no, asɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no mfa esiam ne ngo no nsa mama, ne ohwamfufuo no nyinaa, na ɔnhye wɔ afɔrebukyia no so sɛ nkaeɛ adeɛ. Ɛyɛ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.


Na Aaron mma no nhye no afɔrebukyia no so, mpae ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛgu ogya no so, na ɛnyɛ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.


Na ɔmfa mmrɛ ɔsɔfoɔ no, na ɔmfa deɛ ɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ no kane, na ɔnkyinsa ne ti, ne kɔn so, nanso ɔnnte mfiri so;


Na yei ne aduane afɔdeɛ ho mmara: Aaron mma no mfa mmra AWURADE anim wɔ afɔrebukyia no anim.


Na n’ayamdeɛ ne ne nnyawa no, ɔde nsuo hohoroo ho. Na Mose too odwennini mu no nyinaa mu gya, afɔrebukyia no so; ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ne no, AWURADE gya afɔdeɛ ne no, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.


Na wɔde ɔhyeɛ afɔdeɛ no asinasini ne ne tiri no brɛɛ no, na ɔhyee no afɔrebukyia no so.


na morebɔ ogya afɔdeɛ a ɛfiri anantwie anaa nnwan mu ama AWURADE a, sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa okum afɔdeɛ a mode reyɛ aboadeɛ, anaa ɛyɛ ayamyi afɔdeɛ, anaa mo afahyɛ ase deɛ, sɛ morema no ayi hwa hwanhwam ama AWURADE a,


Na adwammaa a ɔtɔ so mmienu no, fa bɔ anwummerɛ deɛ, na fa aduane afɔdeɛ ne n’ahwiesa ka ho sɛ anɔpa deɛ no ma no nyɛ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.


Na Yesu de nne kɛseɛ teaa mu bio no, ɔgyae ne honhom mu.


Ɛnna Yesu gyee nsa kekakeka no, ɔkaa sɛ: Mawie! Na ɔbɔɔ ne tiri ase na ɔgyae ne honhom mu.


ɔno na yɛn mfomsoɔ nti wɔyii no maeɛ, na yɛn bembuo nti, wɔnyanee no.


Ɛfiri sɛ Kristo nso hunuu bɔne ho amane prɛko, deɛ ɔtene hunu maa wɔn a wɔntene, sɛ ɔde yɛn bɛkɔ Nyankopɔn nkyɛn. Wɔkumm no honam mu, na wɔmaa no tenaa ase honhom mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios