Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 1:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na sɛ n’ayɛyɛdeɛ no firi ntakraboa mu na ɔde rebɛbɔ afɔdeɛ ama AWURADE a, ɔmfa anyankuku anaa mmorɔnoma mma nyɛ n’ayɛyɛdeɛ mmra.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Na sɛ n’ayɛyɛdeɛ no firi ntakraboa mu na ɔde rebɛbɔ afɔdeɛ ama AWURADE a, ɔmfa anyankuku anaa mmorɔnoma mma nyɛ n’ayɛyɛdeɛ mmra.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 “ ‘Sɛ obi pɛ sɛ ɔde anomaa bɔ ɔhyew afɔre a, ɔmfa nturukuku anaa mmorɔnomamma.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 “ ‘Sɛ obi pɛ sɛ ɔde anomaa bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a, ɔmfa nturukuku anaa mmorɔnoma mma.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na sɛ n'ayɛyɛde no fi ntakraboa mu na ɔde rebɛbɔ ɔhyew afɔre ama AWURADE a, ɔmfa nturukuku anaa mmorɔnoma mma nyɛ n'ayɛyɛde mmra.

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 1:14
10 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Fa nantwie ba a wadi mfeɛ mmiɛnsa, abirekyie a wadi mfeɛ mmiɛnsa, odwennini a wadi mfeɛ mmiɛnsa, anyankuku ne aborɔnoma ba brɛ me.


Na sɛ ne nsa anso odwan ba so a, ɔmfa anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmra mmɛma, baako nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, na baako nso nyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, na ne ho nte.


Na deɛ ɔtɔ so mmienu no, ɔmfa no mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, sɛdeɛ ne yɛbea teɛ. Na ɔsɔfoɔ no mpata mma no wɔ ne bɔne a wayɛ no ho, na wɔde bɛkyɛ no.


Na sɛ ne nsa anso anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu so a, deɛ ɔmfa nyɛ ne bɔne a ɔyɛeɛ ho ayɛyɛdeɛ ne esiam olonka abupɛn du mu baako, na ɛnyɛ bɔne ho afɔdeɛ; ɔmmfa ngo nngu so, na ɔmmfa ohwamfufuo nnto so, ɛfiri sɛ ɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ.


Na sɛ ne nsa anso odwan so a, ɔmfa anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmrɛ AWURADE mmɛyɛ bɔne a wayɛ no mu asodie ho afɔdeɛ; baako nyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na baako nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ.


Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na monsua me, ɛfiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase akoma mu; na mobɛnya ɔhome ama mo kra.


Na Yesu kɔɔ asɔrefie, na ɔkɔpamm wɔn a wɔtɔn ne wɔn a wɔtɔ firii asɔrefie hɔ, na ɔkaa sikasesafoɔ apono ne wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma nkonnwa butui.


na wɔakɔbɔ afɔdeɛ sɛdeɛ wɔaka wɔ Awurade mmara mu no: Anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu.


Na sɛ akoma a ɛpɛ no wɔ hɔ a, ɛsɔ ani, sɛdeɛ onii wɔ adeɛ, na ɛnyɛ sɛdeɛ ɔnnie.


Na ɔsɔfo panin a ɔfata yɛn ne saa ɔsɔfo panin yi a ne ho teɛ, ɔnni bɔne, ne ho nni nkekaeɛ, wɔayi no afiri nnebɔneyɛfoɔ ho, na wɔama no so akyɛne soro.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios