Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Yohane 1:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na yei ne ɔdɔ no, sɛ yɛbɛnante sɛdeɛ ahyɛdeɛ no teɛ. Yei ne ahyɛdeɛ no, sɛdeɛ moate firi mfitiaseɛ, sɛ monnante mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na yei ne ɔdɔ no, sɛ yɛbɛnante sɛdeɛ ahyɛdeɛ no teɛ. Yei ne ahyɛdeɛ no, sɛdeɛ moate firi mfitiaseɛ, sɛ monnante mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Saa ɔdɔ a mereka ho asɛm yi kyerɛ sɛ momma yɛntena ase na yɛnyɛ osetie mma Onyankopɔn. Mmara a mote fii mfiase no kyerɛ sɛ mo nyinaa, montena ase ɔdɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Saa ɔdɔ a mereka ho asɛm yi kyerɛ sɛ, momma yɛntena ase na yɛnyɛ ɔsetie mma Onyankopɔn. Mmara a mote firii ahyɛaseɛ no kyerɛ sɛ mo nyinaa, montena ase ɔdɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na eyi ne ɔdɔ no, sɛ yɛbɛnantew sɛnea ahyɛde no te. Eyi ne ahyɛde no, sɛnea moate fi mfiase, sɛ monnantew mu.

Ver Capítulo Copiar




2 Yohane 1:6
14 Referencias Cruzadas  

Sɛ modɔ me a, monni m’ahyɛdeɛ so!


Deɛ ɔwɔ m’ahyɛdeɛ na ɔdi soɔ no, ɔno ne deɛ ɔdɔ me; na deɛ ɔdɔ me no, m’Agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no, na mayi me ho makyerɛ no.


Yesu bua see no sɛ: Sɛ obi dɔ me a, ɔbɛdi m’asɛm so, na m’Agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛn, na yɛabɛyɛ yɛn tenabea ne nkyɛn.


Sɛ modi m’ahyɛdeɛ so a, mobɛtena me dɔ mu, sɛdeɛ madi m’Agya ahyɛdeɛ soɔ na mete ne dɔ mu no.


Sɛ moyɛ deɛ mehyɛ mo a, na moyɛ me nnamfo.


AWURADE mo Nyankopɔn akyi na monnie, na ɔno na monsuro no, na ne mmara nsɛm so na monnie, na ne nne na montie, na monsom no, na mommata ne ho.


Enti mo deɛ, deɛ mote firii mfitiaseɛ no, momma no ntena mo mu; na sɛ deɛ mote firii mfitiaseɛ no tena mo mu a, ɛnneɛ mo nso mobɛtena Ɔba no ne Agya no mu.


Na obiara a ɔdi n’asɛm soɔ no, ampa ara, ɔno mu na Nyankopɔn dɔ no awie pɛyɛ. Yei na yɛde hunu sɛ yɛwɔ ne mu.


Adɔfo, ɛnyɛ ahyɛdeɛ foforɔ na meretwerɛ mabrɛ mo, na mmom ahyɛdeɛ dada a moanya firi mfitiaseɛ no. Ahyɛdeɛ dada no ne asɛm a moateɛ no.


Na sɛ yɛnim sɛ ɔtie yɛn deɛ yɛsrɛ no ho a, yɛnim sɛ yɛwɔ nnoɔma a yɛasrɛ no ne nkyɛn no.


Na yei ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yɛbɛdi n’ahyɛdeɛ soɔ, na n’ahyɛdeɛ no nyɛ den.


Na afei, Awuraa, mesrɛ wo, ɛnyɛ sɛ meretwerɛ wo ahyɛdeɛ foforɔ, na mmom deɛ yɛnya firi mfitiaseɛ no ara, sɛ yɛnnodɔ yɛn ho no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios