Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Yohane 1:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na afei, Awuraa, mesrɛ wo, ɛnyɛ sɛ meretwerɛ wo ahyɛdeɛ foforɔ, na mmom deɛ yɛnya firi mfitiaseɛ no ara, sɛ yɛnnodɔ yɛn ho no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na afei, Awuraa, mesrɛ wo, ɛnyɛ sɛ meretwerɛ wo ahyɛdeɛ foforɔ, na mmom deɛ yɛnya firi mfitiaseɛ no ara, sɛ yɛnnodɔ yɛn ho no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Enti mereka akyerɛ wo, Awuraa se, momma yɛnnodɔ yɛn ho. Eyi nyɛ mmara foforo a merehyɛ ama wo. Ɛyɛ mmara a wɔahyɛ ama yɛn fi mfiase.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Enti, mereka akyerɛ wo, Awuraa sɛ, momma yɛnnodɔ yɛn ho. Yei nyɛ mmara foforɔ a merehyɛ ama wo. Ɛyɛ mmara a wɔahyɛ ama yɛn firi ahyɛaseɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na afei, Awuraa, mesrɛ wo, ɛnyɛ sɛ merebɛkyerɛw wo ahyɛde foforo, na mmom nea yenyae fi mfiase no ara, sɛ yɛnnodɔ yɛn ho no.

Ver Capítulo Copiar




2 Yohane 1:5
17 Referencias Cruzadas  

Yei ne m’ahyɛdeɛ, sɛ monnodɔ mo ho sɛdeɛ medɔɔ mo no.


Yei na mehyɛ mo, sɛ monnodɔ mo ho.


Na honhom aba ne ɔdɔ, anigyeɛ, asomdwoeɛ, abodwokyɛre, ayamyɛ, papayɛ, gyidie,


na monnante ɔdɔ mu, sɛdeɛ Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho maeɛ maa yɛn sɛ ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a wɔbɔ ma Onyankopɔn a ɛtu hwa a ɛyɛ dɛ no.


Na onuadɔ ho deɛ, ɛnhia mo sɛ wɔtwerɛ brɛ mo, ɛfiri sɛ mo ara na Onyankopɔn akyerɛkyerɛ mo sɛ monnodɔ mo ho;


Onuadɔ ntena hɔ daa.


Na ne titire no, momfa ɔdɔ a emu yɛ den nnodɔ mo ho, ɛfiri sɛ ɔdɔ kata bɔne pii so.


na onyamesom pa nka boasetɔ ho, na onuadɔ nka onyamesom pa ho, na ɔdɔ mapa nka onuadɔ ho.


Na yei ne kaseɛ a moate firi mfitiaseɛ sɛ yɛnnodɔ yɛn ho no,


Na yei ne n’ahyɛdeɛ, sɛ yɛnnye ne Ba Yesu Kristo din no nni, na yɛnnodɔ yɛn ho, sɛdeɛ ɔmaa yɛn ahyɛdeɛ no.


Sɛ obi ka sɛ: Medɔ Onyankopɔn, na ɔtane ne nua a, ɔyɛ ɔtorofoɔ. Na deɛ ɔnnɔ ne nua a ɔhu no no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛtumi adɔ Onyankopɔn a ɔnhunuu no?


Me, ɔpanin no, twerɛ kɔma Awuraa a wɔayi no, ne ne mma a medɔ wɔn nokorɛ mu, na ɛnyɛ me nko ara, na wɔn a wɔahunu nokorɛ no nyinaa,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios