Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Yohane 1:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Sɛ obi ba mo nkyɛn na ɔnkura nkyerɛkyerɛ yi a, monnnye no nnkɔ mo fie, nso monnkyea no!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Sɛ obi ba mo nkyɛn na ɔnkura nkyerɛkyerɛ yi a, monnnye no nnkɔ mo fie, nso monnkyea no!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Sɛ obi ba mo nkyɛn na wamfa saa nkyerɛkyerɛ yi ammrɛ mo a, munnnye no wɔ mo fi na munnnye nʼani nso.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Sɛ obi ba mo nkyɛn na wamfa saa nkyerɛkyerɛ yi ammrɛ mo a, monnnye no wɔ mo efie, na monnnye nʼani nso.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Sɛ obi ba mo nkyɛn na onkura nkyerɛkyerɛ yi a, munnnye no nnkɔ mo fi, nso munnkyia no!

Ver Capítulo Copiar




2 Yohane 1:10
14 Referencias Cruzadas  

Na ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ: AWURADE, me wura Abraham Nyankopɔn, mesrɛ wo, ma no nsi me yie nnɛ, na yɛ me wura Abraham adɔeɛ.


Na ɔse: Mentumi ne wo nsane na me ne wo nkɔ, nso merennidi na me ne wo rennom nsuo ɛha yi, na wɔnam AWURADE asɛm so see me sɛ:


na wɔn a wɔtwam mpo nka sɛ: AWURADE nhyira mmra mo so no, yɛhyira mo AWURADE din mu.


na wɔtwerɛɛ nwoma hyɛɛ wɔn nsa sɛ: Asomafoɔ ne anuanom mpanimfoɔ no kyea anuanom a wɔfiri amanaman mu a wɔwɔ Antiokia ne Siria ne Kilikia no.


Sɛ obi mpɛ Awurade Yesu Kristo asɛm a, ɔnnue! Marana-ta (Yɛn Awurade, bra!).


Na afei matwerɛ mo sɛ, sɛ obi a wɔfrɛ no onua yɛ odwamamfoɔ anaa oniberefoɔ anaa ɔbosonsonni anaa tɔkwapɛfoɔ anaa sabofoɔ anaa omimfoɔ a, mo ne no mmmɔ; saa onipa no, mo ne no nnnidi mpo.


Na sɛ obi antie yɛn asɛm a ɛwɔ nwoma yi mu a, monhyɛ no nso, mo ne no mmmɔ fekuo, na n’ani nwu;


Na anuanom, yɛhyɛ mo Awurade Yesu Kristo din mu, sɛ montwe mo ho mfiri onua biara a ɔnam basabasa na ɔnni atetesɛm a ɔnyaa no yɛn nkyɛn no soɔ no ho.


Onipa a ɔde mpaepaemu ba, a woakasa akyerɛ no prɛko ne ne mprenu no, pa no!


Na deɛ ɔkyea no no yɛ ne nnwuma bɔne no fafafoɔ.


Yei nti, sɛ meba a, mɛkae ne nnwuma a ɔyɛ no, sɛ ɔkeka yɛn ho nsɛmmɔne, na yei mpo annɔɔso amma no, na ɔno ara nnye anuanom no nto mu, na ɔsi wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa no kwan, na ɔtu wɔn firi asafo no mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios