Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Samuel 3:31 - New Revised Asante Twi Bible

31 Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa sɛ: Monsunsuane mo ntadeɛ mu na momfira ayitoma na montwa adwo ma Abner. Na Ɔhene Dawid dii funnaka no akyi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

31 Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa sɛ: Monsunsuane mo ntadeɛ mu na momfira ayitoma na montwa adwo ma Abner. Na Ɔhene Dawid dii funnaka no akyi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

31 Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa se, “Munsunsuan mo ntama mu, na mumfura atweaatam. Muntwa Abner ho agyaadwo.” Na ɔhene Dawid ankasa dii santen a wɔato no akyi, kɔɔ ɔda no so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

31 Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa sɛ, “Monsunsuane mo ntoma mu, na momfira ayitoma. Montwa Abner agyaadwoɔ.” Na ɔhene Dawid ankasa dii santen a wɔato no akyi, kɔɔ ɛda no so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

31 Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne ɔman a wɔka ne ho no nyinaa sɛ: Munsunsuane mo ntade mu na mumfurafura atweatam na muntwa adwo mma Abner. Na ɔhene Dawid dii funnaka no akyi.

Ver Capítulo Copiar




2 Samuel 3:31
12 Referencias Cruzadas  

Na Ruben sane baa abura no so, na hwɛ, na Yosef nni abura no mu. Na ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu,


Ɛnna Yakob sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde ayitoma bɔɔ n’asene, na ɔsuu ne ba no kyɛree.


Ɛnna Dawid sɔɔ n’atadeɛ mu suanee mu, na mmarima a wɔka ne ho no nyinaa nso yɛɛ saa.


Na ne nnansa soɔ no, hwɛ, ɔbarima bi firi nsra no mu wɔ Saulo nkyɛn bae, na n’atadeɛ asunsuane, na dɔteɛ gu n’atifi. Na ɔduruu Dawid nkyɛn no, ɔbɔɔ ne mu ase maa no.


Na ne nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, yɛate sɛ Israel fie ahemfo yɛ ahemfo a wɔyɛ adɔeɛ. Ma yɛmfa ayitoma nkyekyere yɛn asene, na yɛmfa ntampehoma mmobɔ yɛn ti, na yɛmfiri nkɔ Israel hene nkyɛn; ebia ɔbɛgye wo kra nkwa.


Na Ahab tee nsɛm yi no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde ayitoma firaeɛ, na ɔdii abuada, na ɔdaa ayitoma no mu, na n’anim yɛɛ siamoo.


Na Ɔhene Hesekia teeɛ no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu na ɔfiraa ayitoma na ɔsii mu kɔɔ AWURADE fie.


Na ɔsomaa Eliakim a na ɔdi efie no soɔ ne Ɔtwerɛfoɔ Sebna ne asɔfoɔ mu mpanimfoɔ a wɔfirafira ayitoma kɔɔ Amos ba Odiyifoɔ Yesaia nkyɛn,


Na ɔba bɛkaa funnaka no, na wɔn a wɔso no gyinae. Na ɔkaa sɛ: Aberanteɛ, mese wo sɛ: Sɔre!


Na Yosua sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde n’anim butuu fam, AWURADE adaka no anim de kɔsii anwummerɛ, ɔno ne Israel mpanimfoɔ, na wɔde dɔteɛ guguu wɔn atifi.


Na mɛma m’adansefoɔ baanu afirafira ayitoma abɛka adiyisɛm nna apem ahanu aduosia.


Na ɔhunuu no no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu kaa sɛ: Ao, me ba! Woabrɛ me ase papaapa, na woaho me werɛ! Ɛfiri sɛ, mabue m’ano mama AWURADE, na mentumi mensane m’akyi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios