Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Samuel 3:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 sɛ wɔbɛma ahennie no afiri Saulo fie, na wɔde Dawid ahennwa asi Israel ne Yuda so, afiri Dan akɔsi Beer-seba.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 sɛ wɔbɛma ahennie no afiri Saulo fie, na wɔde Dawid ahennwa asi Israel ne Yuda so, afiri Dan akɔsi Beer-seba.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Mede Saulo ahenni bɛkɔ akɔma Dawid na matim Dawid ahengua ase wɔ Israel ne Yuda so afi Dan akosi Beer-Seba.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Mede Saulo ahennie bɛkɔ akɔma Dawid na matim Dawid ahennwa ase wɔ Israel ne Yuda so afiri Dan akɔsi Beer-Seba.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 sɛ wɔbɛma ahenni no afi Saul fi, na wɔde Dawid ahengua asi Israel ne Yuda so, afi Dan akosi Beer-seba.

Ver Capítulo Copiar




2 Samuel 3:10
9 Referencias Cruzadas  

Enti meretu wo fo sɛ: Boaboa Israel nyinaa ano firi Dan kɔsi Beer-seba wɔ wo nkyɛn sɛ mpoano anwea dodoɔ, na wo ara kɔ sa no.


Na ɔhene ka kyerɛɛ Ɔsahene Yoab a ɔka ne ho no sɛ: Kɔkyini Israel mmusuakuo nyinaa mu firi Dan kɔsi Beer-seba, na monkan ɔman no, na menhunu ɔman no dodoɔ.


Ɛsiane sɛ na Isboset suro no nti, wantumi ammua Abner asɛm biara bio.


Na Abner ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Mɛsɔre makɔ makɔboaboa Israel nyinaa ano mabrɛ me wura, na wɔne wo apam, na woadi wɔn a wopɛ nyinaa so hene. Na Dawid gyaa Abner kwan, maa no kɔɔ asomdwoeɛ mu.


Na Yuda ne Israel tenaa ase dwoodwoo wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase mmaako mmaako firi Dan kɔsi Beer-seba, Salomo nna nyinaa.


Ɛnna Israelfoɔ nyinaa tuiɛ, na asafo no ano bɛhyiaa sɛ onipa baako, ɛfiri Dan kɔsi Beer-seba ne Gilead asase, na wɔbaa Mispa AWURADE nkyɛn.


Na Samuel ka kyerɛɛ no sɛ: Suane na AWURADE asuane Israel ahennie afiri wo nsam nnɛ, na ɔde ama wo yɔnko a ɔyɛ sene woɔ.


Na AWURADE ayɛ sɛdeɛ ɔnam me so kaeɛ no, na AWURADE ahwam wo nsam ahennie no de akɔma wo yɔnko Dawid.


Na Israel nyinaa, ɛfiri Dan kɔsi Beer-seba hunuu sɛ wɔde Samuel asi hɔ sɛ ɔnyɛ AWURADE diyifoɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios