Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Samuel 24:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Nanso ɔhene asɛm no yɛɛ Yoab ne ɛdɔm no mu asafohene no so den. Na Yoab ne ɛdɔm no mu asafohene no firi ɔhene anim firii adi, sɛ wɔrekɔkan Israel man no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Nanso ɔhene asɛm no yɛɛ Yoab ne ɛdɔm no mu asafohene no so den. Na Yoab ne ɛdɔm no mu asafohene no firi ɔhene anim firii adi, sɛ wɔrekɔkan Israel man no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Na ɔhene no hyɛɛ no ketee sɛ, wɔnkan nnipa nti, Yoab ne nʼadwumayɛfo kɔkan nnipa a wɔwɔ Israel.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Na ɔhene no hyɛɛ no ketee sɛ, wɔnkan nnipa enti, Yoab ne nʼadwumayɛfoɔ kɔkanee nnipa a wɔwɔ Israel.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Nanso ɔhene asɛm no yɛɛ Yoab ne dɔm no mu asafohene no so den. Na Yoab ne dɔm no mu asafohene no fii ɔhene anim fii adi, sɛ wɔrekɔkan Israel man no.

Ver Capítulo Copiar




2 Samuel 24:4
7 Referencias Cruzadas  

Na Yoab ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ma AWURADE wo Nyankopɔn nka ɔman no sɛdeɛ wɔteɛ yi ho mprɛha, na me wura ɔhene ani nhunu, na adɛn nti na me wura ɔhene pɛ sɛ wɔdi saa asɛm yi?


Na wɔkɔtwaa Yordan, na wɔkɔsoɛɛ Aroer, kuro bi a ɛda Gad subonhwa no mu a ɛkyerɛ Yaser no nifa,


Nanso ɔhene asɛm no dii Yoab deɛ so. Na Yoab firii adi kɔkyini faa Israel nyinaa mu, na ɔsane baa Yerusalem.


Na awogyefoɔ no suro Onyankopɔn, enti wɔanyɛ sɛdeɛ Misraimhene ka kyerɛɛ wɔn no, na mmom wɔgyee mmabanin no nkwa.


Sɛ wobu Israelfoɔ ano hwehwɛ wɔn dodoɔ a, wɔn kan yi mu no, wɔn nyinaa mfa wɔn kra mpata adeɛ mma AWURADE, na, sɛ wɔkan wɔn a, owuyadeɛ bi amma wɔn mu.


ɛfiri sɛ ɔyɛ deɛ ɛsɔ n’ani biara. Ɔhene anomu asɛm biara di mu, na hwan na ɔbɛtumi aka akyerɛ no sɛ: Ɛdeɛn na woreyɛ yi?


Na Petro ne asomafoɔ no buaa sɛ: Ɛsɛ sɛ yɛtie Onyankopɔn mmom sene nnipa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios