Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Samuel 24:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na Yoab ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ma AWURADE wo Nyankopɔn nka ɔman no sɛdeɛ wɔteɛ yi ho mprɛha, na me wura ɔhene ani nhunu, na adɛn nti na me wura ɔhene pɛ sɛ wɔdi saa asɛm yi?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na Yoab ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ma AWURADE wo Nyankopɔn nka ɔman no sɛdeɛ wɔteɛ yi ho mprɛha, na me wura ɔhene ani nhunu, na adɛn nti na me wura ɔhene pɛ sɛ wɔdi saa asɛm yi?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Na Yoab buaa ɔhene no se, “Awurade mma wo ntena ase kosi sɛ nnipa a wɔwɔ wʼahenni yi mu ase bɛterɛw mmɔho ɔha. Na adɛn nti na wopɛ sɛ woyɛ eyi?”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Na Yoab buaa ɔhene no sɛ, “Awurade mma wo ntena ase kɔsi sɛ nnipa a wɔwɔ wʼahennie yi mu ase bɛtrɛ mmɔho ɔha. Na adɛn enti na wopɛ sɛ woyɛ yei?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na Yoab ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ma AWURADE wo Nyankopɔn nka ɔman no sɛnea wɔte yi ho mpɛn ha, na me wura ɔhene aniwa nhu, na ɛdɛn nti na me wura ɔhene pɛ sɛ wodi saa asɛm yi?

Ver Capítulo Copiar




2 Samuel 24:3
7 Referencias Cruzadas  

Hyɛ wo ho den na ma yɛnko sɛ mmarima mma yɛn man ne yɛn Nyankopɔn nkuro. Na AWURADE nyɛ deɛ ɛyɛ wɔ n’ani soɔ.


Nanso ɔhene asɛm no yɛɛ Yoab ne ɛdɔm no mu asafohene no so den. Na Yoab ne ɛdɔm no mu asafohene no firi ɔhene anim firii adi, sɛ wɔrekɔkan Israel man no.


AWURADE bɛma mo adɔɔso, mo ne mo mma.


Ɔman dodoɔyɛ mu na ɔhene kɛseyɛ wɔ, na nkurɔfoɔ sa a, ɛma otitire yɛ mmɔbɔ pa ara.


Ɛno na wobɛhunu, na w’anim ate, w’akoma de ahosɛpɛ bɛdi ahurisie, ɛfiri sɛ ɛpo ahonyadeɛ dodoɔ redane abɛyɛ wo deɛ, amanaman ahodeɛ reba wo nkyɛn.


AWURADE mo nananom Nyankopɔn mfa no sɛdeɛ moteɛ yi mmɔho apem nka mo ho, na ɔnhyira mo sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ mo no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios