Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Samuel 24:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔhene ka kyerɛɛ Ɔsahene Yoab a ɔka ne ho no sɛ: Kɔkyini Israel mmusuakuo nyinaa mu firi Dan kɔsi Beer-seba, na monkan ɔman no, na menhunu ɔman no dodoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔhene ka kyerɛɛ ɔsahene Yoab a ɔka ne ho no sɛ: Kɔkyini Israel mmusuakuo nyinaa mu firi Dan kɔsi Beer-seba, na monkan ɔman no, na menhunu ɔman no dodoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Enti ɔhene no ka kyerɛɛ ne sahene Yoab se, “Kan nnipa a wɔwɔ asase yi so nyinaa, efi Dan a ɛwɔ atifi fam, de besi Beer-Seba a ɛwɔ anafo fam, na ama mahu nnipa dodow a wɔwɔ ha.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Enti, ɔhene no ka kyerɛɛ ne sahene Yoab sɛ, “Kan nnipa a wɔwɔ asase yi so nyinaa, ɛfiri Dan a ɛwɔ atifi fam, de bɛsi Beer-Seba a ɛwɔ anafoɔ fam, na ama mahunu nnipa dodoɔ a wɔwɔ ha.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔhene ka kyerɛɛ ɔsahene Yoab a ɔka ne ho no sɛ: Kokyin Israel mmusuakuw nyinaa mu fi Dan kosi Beer-seba, na monkan ɔman no, na minhu ɔman no dodow.

Ver Capítulo Copiar




2 Samuel 24:2
16 Referencias Cruzadas  

Na Abraham sɔree anɔpatutu faa aduane ne nsuo kotokuo, na ɔde maa Hagar, ɔde sii ne kɔn ho, na ɔmaa no ne abɔfra no kɔe. Na ɔkɔe kɔkyinkyinii Beer-seba serɛ so.


Enti meretu wo fo sɛ: Boaboa Israel nyinaa ano firi Dan kɔsi Beer-seba wɔ wo nkyɛn sɛ mpoano anwea dodoɔ, na wo ara kɔ sa no.


Na Seruia ba Yoab ne Dawid nkoa tu kɔe, na wɔhyia boaboaa wɔn ano wɔ Gibeon tadeɛ ho, yeinom boa ɔtadeɛ no fa ha, na yeinom boa ɔtadeɛ no fa ha.


Nso Yoab na na ɔdi Israel asraadɔm nyinaa soɔ, na Yoiada ba Benaia di Keretifoɔ ne Peletifoɔ soɔ.


Amonni Selek, Beerotni Naharai, Seruia ba Yoab akodeɛkurani,


Ɛnna AWURADE maa owuyadeɛ baa Israel soɔ firi anɔpa kɔsii berɛ a ɔhyɛeɛ no, na ɔman a ɛfiri Dan kɔsi Beer-seba no mu nnipa mpem aduɔson wuwui.


sɛ wɔbɛma ahennie no afiri Saulo fie, na wɔde Dawid ahennwa asi Israel ne Yuda so, afiri Dan akɔsi Beer-seba.


Na Seruia ba Yoab na na ɔdi asraafoɔ dɔm no soɔ, na Ahilud ba Yehosafat ne deɛ ɔtwerɛ nsɛm de sie,


Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne ɛdɔm no mu asafohene sɛ: Monkɔ nkɔkan Israel mfiri Beer-seba nkɔduru Dan, na momfa ho kasɛe mmerɛ me, na menhunu wɔn dodoɔ.


Na ne saa nti Babel mmapɔmma akyeame a wɔsomaa wɔn ne nkyɛn sɛ wɔmmɛbisa anwanwadeɛ a ɔyɛɛ no asase no soɔ no baeɛ no, Onyankopɔn gyaa no sɛ ɔresɔ no ahwɛ na wahunu n’akoma mu nyinaa.


Onipa ahantan bɛbrɛ no ase, na honhom mu ahobrɛaseɛni nsa bɛka animuonyam.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Wɔadome onii ko a ɔde ne ho to onipa soɔ, na ɔde honam yɛ ne basa, na n’akoma atwe afiri AWURADE ho.


Na deɛ ɛbɛyɛ na meremfa adiyie no tra a ɛtra soɔ memma me ho so bebree nti, wɔama me honam mu kasɛɛ, Satan bɔfoɔ, sɛ ɔmmɛbɔ me akuturuku, na mamma me ho so.


Ɛnna Israelfoɔ nyinaa tuiɛ, na asafo no ano bɛhyiaa sɛ onipa baako, ɛfiri Dan kɔsi Beer-seba ne Gilead asase, na wɔbaa Mispa AWURADE nkyɛn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios