Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Samuel 24:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Kɔ na kɔka kyerɛ Dawid sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Adeɛ mmiɛnsa na mede mereto w’anim, fa emu baako na memfa menyɛ wo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Kɔ na kɔka kyerɛ Dawid sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Adeɛ mmiɛnsa na mede mereto w’anim, fa emu baako na memfa menyɛ wo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 “Kɔka kyerɛ Dawid sɛ, Sɛnea Awurade se ni: ‘Mede nsɛm abiɛsa reto wʼanim. Yi mu baako na menyɛ ntia wo.’ ”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 “Kɔka kyerɛ Dawid sɛ, Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: ‘Mede nsɛm mmiɛnsa reto wʼanim. Yi mu baako na mɛyɛ.’ ”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Kɔ na kɔka kyerɛ Dawid sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Ade abiɛsa na mede mereto w’anim, fa emu biako na memfa menyɛ wo.

Ver Capítulo Copiar




2 Samuel 24:12
13 Referencias Cruzadas  

Nanso sɛ wode asɛm a woadie yi ama AWURADE atamfoɔ anya kwan aka abususɛm atia no nti, ɛyɛ dɛn ara a, ɔba a wɔawo no ama woɔ no bɛwu.


Na Dawid sɔree anɔpa no, AWURADE asɛm baa Odiyifoɔ Gad, Dawid dehununi no nkyɛn sɛ:


Na Gad baa Dawid nkyɛn bɛka kyerɛɛ no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛkɔm mmra w’asase so mfeɛ nson, anaasɛ wobɛdwane w’atamfoɔ a wɔpamo woɔ anim abosome mmiɛnsa, anaasɛ ɔyaredɔm mmra w’asase so nnansa? Afei hwɛ, na hunu mmuaeɛ ko a memfa mensane menkɔma deɛ ɔsomaa me no.


Seruia ba Yoab firi aseɛ kanee, na wanwie. Na yei nti abufuo baa Israel so, na dodoɔ no, wɔantwerɛ no Ɔhene Dawid berɛsosɛm nwoma no mu.


na deɛ AWURADE dɔ no na ɔka n’anim, sɛdeɛ agya yɛ ne ba a ɔdɔ no no.


Na medi w’akyiri sɛ mɛgye wo nkwa, AWURADE asɛm nie; na mɛma amanaman a mabɔ wo apete hɔ no nyinaa awie sa, nso wo deɛ, meremma wonwie sa, na mɛtwe w’aso atenetene so, na bem deɛ meremma wonni.


me nso mene wɔn dii asie, na mede wɔn kɔɔ wɔn atamfoɔ asase so; — na sɛ afei wɔn akoma momonoto no bɛbrɛ ase na wɔapene wɔn amumuyɛ ho asotwe no so a,


Na asase no deɛ, wɔbɛgya na anya ne homeberɛ no mu ahotɔ, sɛ wɔnni soɔ nti ada hɔ tuu; na wɔn deɛ, ɛsiane sɛ wɔpoo m’atemmudeɛ na m’ahyɛdeɛ yɛɛ wɔn kra nwunu nti, wɔbɛnya wɔn amumuyɛ ho asotwe, ɛfiri sɛ wɔpaa m’atemmudeɛ na m’ahyɛdeɛ yɛɛ wɔn kra nwunu.


Dodoɔ a medɔ wɔn no, meyi wɔn atɛn, na metwe wɔn aso. Enti bɔ mmɔden na sakyera w’adwene!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios