Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Samuel 22:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 M’ahohiahia mu mesu mefrɛɛ AWURADE, me Nyankopɔn na meteaa mu mefrɛɛ no. Na ɔtee me nne n’asɔrefie, na me nteamu duruu n’aso mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 M’ahohiahia mu mesu mefrɛɛ AWURADE, me Nyankopɔn na meteaa mu mefrɛɛ no. Na ɔtee me nne n’asɔrefie, na me nteamu duruu n’aso mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 “Na mʼamanehunu mu no, misu frɛɛ Awurade. Yiw, mefrɛɛ me Nyankopɔn pɛɛ mmoa. Ɔtee me nne fii ne kronkronbea. Me sufrɛ duu nʼasom.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 “Na mʼamanehunu mu no, mesu mefrɛɛ Awurade. Aane, mefrɛɛ me Onyankopɔn pɛɛ mmoa. Ɔtee me nne firii ne kronkronbea. Me sufrɛ duruu nʼasom.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 M’ahohia mu misu mefrɛɛ AWURADE, me Nyankopɔn na meteɛɛm mefrɛɛ no. Na ɔtee me nne n’asɔrefi, na me nteɛm duu n’asom.

Ver Capítulo Copiar




2 Samuel 22:7
16 Referencias Cruzadas  

Na wɔsu frɛɛ AWURADE, wɔn ahohia mu, na ɔgyee wɔn firii wɔn ahokyere mu,


Na AWURADE din na mebɔɔ sɛ: O AWURADE, mesrɛ wo, gye me kra.


AWURADE na m’ahohia mu mesu mefrɛɛ no, na ɔtiee me.


M’ahohia mu mesu mefrɛɛ AWURADE, me Nyankopɔn, na meteaa mu mefrɛɛ no. Ɔtee me nne n’asɔrefie, na me su a mesu mekyerɛɛ no no kɔduruu n’aso mu.


Adeɛ baako na masrɛ AWURADE, ɛno na mɛhwehwɛ akyiri kwan; sɛ me nna a medie nyinaa mɛtena AWURADE fie, na mahwɛ AWURADE animteɛ, na madwene me tirim wɔ n’asɔrefie.


Ohiani yi teaa mu, na AWURADE tiee no, na ɔgyee no n’ahohia nyinaa mu.


Na AWURADE kaa sɛ: Ampa ara, mahunu me man a ɛwɔ Misraim no amanehunu, na wɔn su a wɔn so ahwɛfoɔ nti wɔsu frɛ no, mate.


Na me nso mese: Wɔatu me afiri w’anim, nanso mɛkɔ so mahwɛ w’asɔrefie kronkron no kwan so.


Me kra tɔɔ me mu piti no, mekaee AWURADE, na me mpaebɔ duruu wo nkyɛn, aane w’asɔrefie kronkron hɔ.


Na AWURADE deɛ, ɔwɔ n’asɔrefie kronkron mu; na momma asase nyinaa nyɛ komm wɔ n’anim.


Na ɔwɔ owuo yea mu no, ɔmaa ne mpaebɔ mu yɛɛ den. Na ne ho fifire yɛɛ sɛ mogya ntowantowa a ɛsosɔ fam.


Ɔno a ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ ne nkotosrɛ brɛɛ deɛ ɔbɛtumi agye no afiri owuo mu wɔ nteamu a emu yɛ den ne nisuo mu, na ahobrɛaseɛ suro nti wɔtiee no.


Hwɛ, adwumayɛfoɔ a wɔtutuu mo mfuo mu nnuane no akatua a mode nsisie de sieeɛ no team, na wɔn a wɔatwitwa mo mfuo mu adeɛ no nteamu aduru asafo Awurade no aso mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios