Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Samuel 22:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na owuo asorɔkyeɛ twaa me ho hyiae, na sɛeɛ asuasu woro yii me hu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na owuo asorɔkyeɛ twaa me ho hyiae, na sɛeɛ asuasu woro yii me hu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Owu asorɔkye twaa me ho hyiae; ɔsɛe yiri faa me so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Owuo asorɔkye twaa me ho hyiaeɛ; ɔsɛeɛ yiri faa me so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na owu asorɔkye twaa me ho hyiae, na ɔsɛe asuasu woro yii me hu.

Ver Capítulo Copiar




2 Samuel 22:5
12 Referencias Cruzadas  

Owuo nhoma bebaree me ho, na ɔsɛeɛ twi faa me so sɛ osuhweam.


Adekyeeɛ bi AWURADE bɛyi n’adɔeɛ adi, na anadwo mato no dwom mabɔ me nkwa Nyankopɔn mpaeɛ.


Na wɔbɛsuro AWURADE din afiri atɔeɛ, ne n’animuonyam afiri owia puebea, na ɔbɛba sɛ asuo a ano yɛ den a AWURADE ahum de reba.


Na wotoo me twenee ebunu mu, ɛpo akoma mu, na ɔhweamo twaa me ho hyiae; w’asorɔkyeɛ ne w’aworɔ nyinaa bu faa me so.


Na sɛ mohunu sɛ dɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, ɛnneɛ monhunu sɛ ne sɛeɛ abɛn.


Na berɛ a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoeɛ ne ahotɔ no, ɛnneɛ mpofirim na ɔsɛeɛ bɛba wɔn soɔ sɛ awoko ba ɔbaa a ɔnyem soɔ, na wɔrennya kwan nnwane.


Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura nkuruwa nson no mu baako bae ne me bɛkasaa sɛ: Bra na menkyerɛ wo odwamamfoɔ kɛseɛ a ɔte nsuo pii no soɔ no atemmuo.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsuo a wohunuiɛ a odwamamfoɔ no te soɔ no yɛ nkuro ne nkurɔfoɔ akuakuo ne aman ne kasa ahodoɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios