Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Samuel 20:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na Dawid baa ne fie wɔ Yerusalem. Na Dawid faa mmaa du, ne mpenafoɔ a ɔgyaa wɔn sɛ wɔnhwɛ fie no de wɔn kɔguu mmaa mu, na ɔbɔɔ wɔn akɔnhoma, na wɔn ho deɛ, wankɔ. Na wɔtoo wɔn mu kɔsii wɔn wu da maa wɔdii wɔn nkwa berɛ te sɛ deɛ wɔyɛ kuna.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na Dawid baa ne fie wɔ Yerusalem. Na Dawid faa mmaa du, ne mpenafoɔ a ɔgyaa wɔn sɛ wɔnhwɛ fie no de wɔn kɔguu mmaa mu, na ɔbɔɔ wɔn akɔnhoma, na wɔn ho deɛ, wankɔ. Na wɔtoo wɔn mu kɔsii wɔn wu da maa wɔdii wɔn nkwa berɛ te sɛ deɛ wɔyɛ kuna.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Bere a oduu nʼahemfi hɔ wɔ Yerusalem no, ɔhyɛɛ sɛ ne mpenanom du a ogyaw wɔn hɔ no, wɔmfa wɔn nkɔhyɛ kokoa mu baabi. Na ɛsɛ sɛ wɔma wɔn wɔn ahiade nyinaa, nanso ɔne wɔn renna bio. Enti wɔn mu biara tenaa ase sɛ okunafo, kosii ne wuda.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛberɛ a ɔduruu nʼahemfie hɔ wɔ Yerusalem no, ɔhyɛɛ sɛ ne mpenafoɔ edu a ɔgyaa wɔn no, wɔmfa wɔn nkɔhyɛ kɔkoam baabi. Na ɛsɛ sɛ wɔma wɔn wɔn ahiadeɛ nyinaa, nanso ɔne wɔn nna bio. Enti, wɔn mu biara tenaa ase sɛ okunafoɔ, kɔsii ne wuda.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na Dawid baa ne fi Yerusalem. Na Dawid faa mmea du, mpenafo a ogyaw wɔn sɛ wɔnhwɛ ofie no, de wɔn koguu ɔhwɛ fi, na ɔbɔɔ wɔn akɔnhama, na wɔn ho de wankɔ. Na wɔtoo wɔn mu kosii wɔn wuda ma wodii wɔn nkwa bere te sɛ akunafo.

Ver Capítulo Copiar




2 Samuel 20:3
4 Referencias Cruzadas  

Na ɔde wɔn kɔguu afiase wɔ ankɔbeafoɔ panin no fie, faako a Yosef da hɔ.


Ɛnna ɔhene firii adie na ne fiefoɔ nyinaa dii n’akyi; na ɔhene gyaa ne mpenafoɔ du sɛ wɔnhwɛ fie no.


Ɛnna Israel mmarima nyinaa firii Dawid akyi kɔ kɔdii Bikri ba Seba akyire. Na Yuda mmarima deɛ, wɔbataa wɔn hene ho firi Yordan ho ara de baa Yerusalem.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios