Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Samuel 2:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na afei AWURADE ne mo nni no adɔeɛ ne nokorɛ so, na sɛ moayɛ saa adeɛ yi nti, me nso mɛyɛ mo saa yie yi bi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na afei AWURADE ne mo nni no adɔeɛ ne nokorɛ so, na sɛ moayɛ saa adeɛ yi nti, me nso mɛyɛ mo saa yie yi bi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Na afei, Awurade ne mo nni no yiye na ontua mo dɔ sononko yi so ka. Na me nso metua mo nea a moayɛ yi so ka.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Na afei, Awurade ne mo nni no yie na ɔntua mo dɔ sononko yi so ka. Na me nso mɛtua mo deɛ moayɛ yi so ka.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na afei AWURADE ne mo nni no adɔe ne nokware so, na sɛ moayɛ saa ade yi nti, me nso mɛyɛ mo saa yiye yi bi.

Ver Capítulo Copiar




2 Samuel 2:6
15 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Dawid kaa sɛ: Mɛyɛ Nahas ba Hanun adɔeɛ, sɛdeɛ n’agya yɛɛ me adɔeɛ no. Na Dawid somaa ne nkoa maa wɔkɔmaa no hyɛden, n’agya wuo no nti. Na Dawid nkoa no duruu Amonfoɔ asase so.


Nnora nko ara na wobaeɛ, na ɛnnɛ memma wo ne yɛn nkɔkyini? Na me deɛ, merekɔ deɛ mennim; sane, na fa wo nuanom nso ka wo ho sane kɔ AWURADE adɔeɛ ne ne nokorɛ mu.


Na afei monhyɛ mo abasam den, na monyɛ mo ho mmarima, na mo wura Saulo awu, nanso Yuda fie asra me ngo asi wɔn so hene.


Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Obi nni Saulo fie bio a mede Nyankopɔn adɔeɛ bɛyɛ no anaa? Na Siba se: Yonatan babarima bi da so wɔ hɔ a ɔyɛ apakye.


Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na w’agya Yonatan nti mɛyɛ wo adɔeɛ, na mɛdane w’agya Saulo asase nyinaa mama wo, na woadidi me pono so daa daa.


Ɔbɛsoma afiri soro abɛgye me, ɔbɔ deɛ ɔregye me amene me no ahohora. Onyankopɔn bɛsoma n’adom ne ne nokorɛ.


Na AWURADE bɛtwaa mu n’anim, na ɔpaee sɛ: YHWH, YHWH, (AWURADE, AWURADE), Nyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ, deɛ n’abodwoɔ kyɛre na n’adɔeɛyɛ ne ne nokorɛ dɔɔso pii,


Wɔn a wɔbɔre asɛmmɔne mfom anaa? Na adom ne nokorɛ wɔ wɔn a wɔbɔre asɛmpa.


Hwɛ, meresoma mo sɛ nnwan akɔ mpataku mfimfini; enti monyɛ aniteɛ sɛ awɔ, na monyɛ bɔkɔɔ sɛ mmuruburo.


Na me deɛ, mese mo sɛ monnɔ mo atamfoɔ, na mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔtaa mo no;


Nhyira ne mmɔborɔhunufoɔ, na wɔn na wɔbɛhu wɔn mmɔbɔ.


Na mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛn kra nsi mo ananmu nwu, sɛ woanka yɛn asɛm yi ankyerɛ, na ɛba sɛ AWURADE de asase yi ma yɛn a, yɛne wo bɛdi no adɔeɛ ne nokorɛ so.


Na Naomi ka kyerɛɛ ne nsenom baanu no sɛ: Monsane nkɔ mo nanom fie. AWURADE ne mo nni no yie sɛdeɛ mo ne awufoɔ no ne me adi no yi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios