Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Samuel 2:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na Abner kɔɔ so ka kyerɛɛ Asahel bio sɛ: Sane firi m’akyiri kɔ! Adɛn nti na memmɔ wo nhwe fam? Na mɛtumi mama m’ani so makyerɛ wo nua Yoab sɛn?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Na Abner kɔɔ so ka kyerɛɛ Asahel bio sɛ: Sane firi m’akyiri kɔ! Adɛn nti na memmɔ wo nhwe fam? Na mɛtumi mama m’ani so makyerɛ wo nua Yoab sɛn?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Bio, Abner teɛɛ mu ka kyerɛɛ Asahel se, “Fi ha kɔ! Sɛ mikum wo a, merentumi nhwɛ wo nuabarima Yoab anim.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Bio, Abner teaam ka kyerɛɛ Asahel sɛ, “Firi ha kɔ! Sɛ mekum wo a, merentumi nhwɛ wo nuabarima Yoab anim.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Na Abner kɔɔ so ka kyerɛɛ Asahel bio sɛ: San fi m’akyi kɔ! Ɛdɛn nti na memmɔ wo menhwe fam? Na metumi mama m’ani so makyerɛ wo nua Yoab dɛn?

Ver Capítulo Copiar




2 Samuel 2:22
6 Referencias Cruzadas  

Na Abner ka kyerɛɛ no sɛ: Mane fa wo nifa anaa wo benkum kɔkyere mmeranteɛ no mu bi na gye n’asadeɛ fa! Na Asahel ampɛ sɛ ɔbɛsane afiri n’akyire.


Na Abner sane baa Hebron no, Yoab de no mane kɔɔ kuro pono no mu, sɛ ɔne no rekɔkasa kokoam; ɛhɔ na ne nua Asahel mogya nti ɔkɔwɔɔ ne yafunum sekan maa no wuiɛ.


Onipa a wɔka n’anim na ɔsene ne kɔn no, wɔbɛbu no mpofirim a ano nni aduro.


Deɛ ɛwɔ hɔ biara no, na wɔabɔ ne din dada, na wɔnim sɛdeɛ onipa si teɛ, na wɔnim nso sɛ ɔntumi ne deɛ ɔyɛ den sene no no nham.


Na Saulo ka kyerɛɛ Mikal sɛ: Adɛn nti na woadaadaa me sɛɛ, na woagya me tamfo kwan na wafiri mu afire yi? Na Mikal ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Ɔno na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ma menkɔ; adɛn nti na menku woɔ?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios