2 Samuel 19:8 - New Revised Asante Twi Bible8 Ɛnna ɔhene sɔre bɛtenaa ase wɔ kuro pono no mu. Na wɔka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Hwɛ, ɔhene te kuro pono no mu. Ɛnna ɔman no nyinaa baa ɔhene anim. Na Israel deɛ, na wɔadwanedwane kɔ wɔn afie mu. Ver CapítuloTwerɛ Kronkron8 Ɛnna ɔhene sɔre bɛtenaa ase wɔ kuro pono no mu. Na wɔka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Hwɛ, ɔhene te kuro pono no mu. Ɛnna ɔman no nyinaa baa ɔhene anim. Na Israel deɛ, na wɔadwanedwane kɔ wɔn afie mu. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm8 Na ɔhene no fii adi kɔtenaa kurow no abɔntenpon no ano. Na asɛm no trɛw kurow no mu nyinaa sɛ ɔwɔ hɔ no, obiara kɔɔ ne nkyɛn. Saa bere no na Israelfo a wɔtaa Absalom akyi no nyinaa aguan kɔ wɔn afi mu. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm8 Na ɔhene no firii adi kɔtenaa kuro no abɔntenpono no ano. Na asɛm no trɛɛ kuro no mu nyinaa sɛ ɔwɔ hɔ no, obiara kɔɔ ne nkyɛn. Saa ɛberɛ no na Israelfoɔ a wɔtaa Absalom akyi no nyinaa adwane kɔ wɔn afie mu. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON8 Ɛnna ɔhene sɔre bɛtenaa kurow pon no mu. Na wɔka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Hwɛ, ɔhene te kurow pon no mu. Ɛnna ɔman no nyinaa baa ɔhene anim. Afei na Israelfo no nyinaa aguanguan, obiara kɔ n’ankasa fi. Ver Capítulo |