Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Samuel 18:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Deɛ ɛyɛ wɔ mo ani soɔ no, mɛyɛ. Na ɔhene gyinaa kuro pono no nkyɛn, na ɛdɔm no nyinaa firii adi, ɔha ha ne mpem mpem so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Deɛ ɛyɛ wɔ mo ani soɔ no, mɛyɛ. Na ɔhene gyinaa kuro pono no nkyɛn, na ɛdɔm no nyinaa firii adi, ɔha ha ne mpem mpem so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Ɔhene penee so se, “Sɛ modwene sɛ ɛno ne adwene pa de a, mate.” Enti okogyinaa kurow no pon ano, bere a asraafo no rekɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɔhene penee so sɛ, “Sɛ modwene sɛ ɛno ne adwene pa deɛ a, mate.” Enti, ɔkɔgyinaa kuro no ɛpono ano, ɛberɛ a akodɔm no rekɔ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nea eye mo ani so no, mɛyɛ. Na ɔhene gyinaa kurow pon no nkyɛn, na dɔm no nyinaa fii adi, ɔha ha ne mpem mpem so.

Ver Capítulo Copiar




2 Samuel 18:4
5 Referencias Cruzadas  

Afei Dawid kanee ɛdɔm a wɔka ne ho no, na ɔde mpem mpem so asafohene ne ɔha ha so asafohene sisii wɔn so.


Na Dawid te kuro no apono mmienu no ntam. Na ɔwɛmfoɔ no kɔɔ kuro pono no atifi, ɔfasuo no so, na ɔmaa n’ani so hwɛe, na ɔhunuu ɔbarima bi a ne nko ara de mmirika reba.


Na ɔhene hyɛɛ Yoab ne Abisai ne Itai sɛ: Mo ne aberanteɛ Absalom no nni no brɛɛ mma me! Na ɔhene rehyɛ asafohene nyinaa Absalom ho no, ɔman no nyinaa teeɛ.


ne atemmuo honhom ama deɛ watena aseɛ rebu atɛn no, ne mmaninyɛ ahoɔden ama wɔn a wɔka dɔm ma wɔsane korɔ wɔ wɔn kuro pono ano no.


Na Filistifoɔ asafohene bɛtwaa mu, ɔha ɔha ne apem apem so, na Dawid ne ne mmarima no ka Akis ho bɛtwaa mu wɔ kyidɔm no mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios