Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Samuel 16:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Siba sɛ: Hwɛ, deɛ ɛyɛ Mefiboset deɛ nyinaa yɛ wo dea. Na Siba kaa sɛ: Mebɔ me mu ase ma wo, na ma mennya me wura ɔhene anim adom.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Siba sɛ: Hwɛ, deɛ ɛyɛ Mefiboset deɛ nyinaa yɛ wo dea. Na Siba kaa sɛ: Mebɔ me mu ase ma wo, na ma mennya me wura ɔhene anim adom.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Ɔhene no ka kyerɛɛ Siba se, “Sɛ saa na ɛte de a, mede biribiara a ɛyɛ Mefiboset dea no rema wo.” Siba buae se, “Meda wo ase awura. Bere biara, biribiara a wobɛka akyerɛ me sɛ menyɛ no, mɛyɛ.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɔhene no ka kyerɛɛ Siba sɛ, “Sɛ saa na ɛte deɛ a, mede biribiara a ɛyɛ Mefiboset dea no mema wo.” Siba buaa sɛ, “Meda wo ase awura. Ɛberɛ biara, biribiara a wobɛka akyerɛ me sɛ menyɛ no, mɛyɛ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Siba sɛ: Hwɛ, nea ɛyɛ Mefiboset de nyinaa yɛ wo dea. Na Siba kae sɛ: Mekotow wo, ma minnya me wura ɔhene anim anuonyam.

Ver Capítulo Copiar




2 Samuel 16:4
14 Referencias Cruzadas  

Na Yoab bɔɔ ne mu ase wɔ n’anim na ɔhyiraa ɔhene. Na Yoab kaa sɛ: Ɛnnɛ na w’akoa ahunu sɛ manya me wura ɔhene anim adom, sɛ ɔhene ayɛ deɛ n’akoa aka akyerɛ no.


Na ɛberɛ a Tekoani baa no baa ɔhene nkyɛn no, ɔbɔɔ ne mu ase wɔ ɔhene anim kaa sɛ: Ɔhene boa me!


Na ɔhene ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: Kɔ wo fie, na mɛhyɛ wo ho mmara bi.


Na ɔhene bisaa sɛ: Na ɛhe na wo wura ba no wɔ? Na Siba buaa ɔhene sɛ: Ɔte Yerusalem, na deɛ ɔreka ne sɛ: Ɛnnɛ Israel fie bɛdane m’agya ahennie ama me.


Na Ɔhene Dawid duruu Bahurim no, ɔbarima bi a ɔfiri Saulo abusua mu a wɔfrɛ no Simei a ɔyɛ Gera ba firii adi baa hɔ; na ɔreba no, na ɔredome.


Na ɔbɛsɛee me kyerɛɛ me wura ɔhene. Na me wura ɔhene te sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ, enti yɛ deɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ.


Na Saulo ba Yonatan ba Mefiboset duruu Dawid nkyɛn no, ɔbɔɔ ne mu ase maa no. Na Dawid kaa sɛ: Mefiboset. Na ɔse: W’akoa nie.


Ɛnna ɔhene frɛɛ Saulo somfoɔ Siba, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Adeɛ a ɛyɛ Saulo ne ne fie deɛ no nyinaa mede mama wo wura ba.


Nso nnye kɛtɛasehyɛdeɛ, na ɛfira aniwa, na ɛkyea ateneneefoɔ nsɛm.


Deɛ ɔbua asɛm ansa na ɔteɛ no, ɛyɛ agyimisɛm ne aniwuo ma no.


Deɛ ɔbɔ ne nkuro kane yɛ sɛ ɔteneneeni kɔsi sɛ ne yɔnko ba bɛpeepee mu.


Ɔkra a nimdeɛ abɔ no nyɛ, na deɛ ne nan ase yɛ herɛ no yɛ bɔne.


Ɔdanseni baako nnsɔre nntia obi, amumuyɛ biara anaa bɔne biara ho, bɔne biara a wɔyɛ mu; adansefoɔ baanu anaa baasa anomu nsɛm so na asɛm biara nnyina.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios