2 Samuel 14:7 - New Revised Asante Twi Bible7 Na hwɛ, abusua no nyinaa asɔre atia w’afenaa sɛ: Yi deɛ ɔbɔɔ ne nua no ma, na ne nua a wadi no awuo no kra nti yɛnku no. Wɔnam yei so bɛsɛe ɔdedifoɔ no nso, na wɔde rebɛhye m’ase, na wɔannya din anaa okyikafoɔ biara amma me kunu asase so. Ver CapítuloTwerɛ Kronkron7 Na hwɛ, abusua no nyinaa asɔre atia w’afenaa sɛ: Yi deɛ ɔbɔɔ ne nua no ma, na ne nua a wadi no awuo no kra nti yɛnku no. Wɔnam yei so bɛsɛe ɔdedifoɔ no nso, na wɔde rebɛhye m’ase, na wɔannya din anaa okyikafoɔ biara amma me kunu asase so. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm7 Nanso abusua no nkae no kae se, ‘Ma yɛn nsa nka wo ba no a okum ne nua no na yenkum no bi na wammedi agyapade so.’ Na sɛ meyɛ saa nso a, na minni obiara a waka, na me kunu din ne me fi bɛyera wɔ asase so ha.” Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm7 Nanso, abusua no nkaeɛ no bisaa sɛ, ‘Ma yɛn nsa nka wo ba no. Yɛbɛkum no, ɛfiri sɛ, woakum ne nuabarima. Ɔmfata sɛ ɔbɛdi efie agyapadeɛ so.’ Na sɛ meyɛ saa nso a, na menni obiara a waka, na me kunu din ne me fie bɛyera wɔ asase so ha.” Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON7 Na hwɛ, abusua no nyinaa asɔre ahyɛ w’afenaa na wose: Yi nea ɔbɔɔ ne nua no ma, na ne nua a wadi no awu no kra nti yenkum no na yɛnsɛe ɔdedifo no nso. Na wɔde rebɛhyew m’ase nyinaa, na wɔannyaw din anaa okyikafo bi amma me kunu, asase ani. Ver Capítulo |