Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Samuel 14:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɛberɛ a Tekoani baa no baa ɔhene nkyɛn no, ɔbɔɔ ne mu ase wɔ ɔhene anim kaa sɛ: Ɔhene boa me!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Na ɛberɛ a Tekoani baa no baa ɔhene nkyɛn no, ɔbɔɔ ne mu ase wɔ ɔhene anim kaa sɛ: Ɔhene boa me!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Na Tekoani bea no duu ɔhene no anim no, ɔhwee fam de nʼanim butuw fam teɛɛ mu se, “Ao Nana! Boa me!”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Na Tekoani baa no duruu ɔhene no anim no, ɔhwee fam de nʼanim butuu fam teaam sɛ, “Ao Nana! Boa me!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na Tekoani bea no rekɔka akyerɛ ɔhene no, ɔde n’anim hwee fam kotow no kae sɛ: Ɔhene, boa!

Ver Capítulo Copiar




2 Samuel 14:4
9 Referencias Cruzadas  

Na ne nnansa soɔ no, hwɛ, ɔbarima bi firi nsra no mu wɔ Saulo nkyɛn bae, na n’atadeɛ asunsuane, na dɔteɛ gu n’atifi. Na ɔduruu Dawid nkyɛn no, ɔbɔɔ ne mu ase maa no.


Na Yoab bɔɔ ne mu ase wɔ n’anim na ɔhyiraa ɔhene. Na Yoab kaa sɛ: Ɛnnɛ na w’akoa ahunu sɛ manya me wura ɔhene anim adom, sɛ ɔhene ayɛ deɛ n’akoa aka akyerɛ no.


Na ɔhene bisaa no sɛ: Ɛdeɛn na ayɛ woɔ? Na ɔse: Ampa, meyɛ okunafoɔ, me kunu awu.


Na Ahimaas teaa mu ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Asomdwoeɛ! Na ɔbɔɔ ne mu ase ɔhene anim, na ɔkaa sɛ: Nhyira nka AWURADE, wo Nyankopɔn a wayi nnipa a wɔmaa wɔn nsa so tiaa me wura ɔhene no ahyɛ wo nsa.


Abɔfra no kɔeɛ; na Dawid sɔre firii aboɔkuo no ho, na ɔde n’anim bɛbutuu fam na ɔkotoo mprɛnsa, na wɔfefee wɔn ano, na wɔn baanu sui ara maa Dawid deɛ boroo so.


Na Abigail hunuu Dawid no, ɔyɛɛ ntɛm firii n’afunumu so sii fam, na ɔde n’anim butuu Dawid anim, na ɔbɔɔ ne mu ase kɔɔ fam,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios