Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Samuel 13:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Nanso wampɛ sɛ ɔtie no, na ɛnam sɛ ne ho yɛ den sene no nti, ɔbrɛɛ no ase ne no dae.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Nanso wampɛ sɛ ɔtie no, na ɛnam sɛ ne ho yɛ den sene no nti, ɔbrɛɛ no ase ne no dae.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Nanso Amnon ampene so. Na esiane sɛ ɔwɔ ahoɔden sen Tamar nti, ɔtoo no mmonnaa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Nanso, Amnon ampene so. Na ɛsiane sɛ ɔwɔ ahoɔden sene Tamar enti, ɔtoo no monnaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Nanso wampɛ sɛ otie no na sɛ ne ho yɛ den sen no nti, ɔhyɛɛ no ne no dae.

Ver Capítulo Copiar




2 Samuel 13:14
8 Referencias Cruzadas  

Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mɛma bɔne asɔre wo fie aba wo so, na magye wo yerenom w’anim mede mama wo yɔnko, na ɔne wo yerenom adeda petee mu, awia ketee.


Na ɔhene no sane firii ahemfie turo no mu baa nsa pono no ase, na Haman ahwe nnaeɛ a Ester wɔ soɔ no so. Na ɔhene kaa sɛ: Ɔrebɛhyɛ ɔhemmaa ne no ada mpo m’anim wɔ me ara me fie ha nso? Asɛm no firii ɔhene anomu ara pɛ, na wɔkataa Haman ani.


Na Gibeafoɔ no sɔre tiaa me, na me nti wɔtwaa efie no ho hyiaa anadwo, anka me na wɔrepɛ me aku me, na me mpena no, wɔbrɛɛ no ase ara ma no wui.


Wo nuabaa a ɔyɛ w’agya ba anaa wo na ba no, wɔwoo no efie oo, wɔwoo no baabi oo, nyi wɔn adagya so.


Nnome nka deɛ ɔne ne nuabaa, n’agya ba anaa ne na ba da. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen!


Ɛnna Amnon de ɛtane kɛseɛ tanee no pii senee ɔdɔ a ɔdɔɔ no no. Na Amnon ka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre kɔ!


Na asase no so otitire Hewini Hamor ba Sekem hunuu no, na ɔkyeree no too no mmɔnaa guu ne ho fi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios