Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Samuel 12:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Da koro bi a ɔhɔhoɔ bi baa ɔdefoɔ no nkyɛn no, wampɛ sɛ ɔde ne nnwan ne n’anantwie no bi som ɔkwantuni a ɔbɛsoɛɛ no no hɔhoɔ, na ɔkɔfaa ohiani no dwan no siesie maa ɔbarima a ɔbaa ne nkyɛn no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Da koro bi a ɔhɔhoɔ bi baa ɔdefoɔ no nkyɛn no, wampɛ sɛ ɔde ne nnwan ne n’anantwie no bi som ɔkwantuni a ɔbɛsoɛɛ no no hɔhoɔ, na ɔkɔfaa ohiani no dwan no siesie maa ɔbarima a ɔbaa ne nkyɛn no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 “Da koro bi, ɔhɔho bi baa ɔdefo no nkyɛn, nanso wankum ne nguan anaa ne nantwi annoa aduan amfa ansom no hɔho. Na mmom, ɔkɔkyeree ohiani no guanbere no, de yɛɛ aduan maa ɔhɔho a wabɛsoɛ no no.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 “Ɛda koro bi, ɔhɔhoɔ bi baa osikani no nkyɛn, nanso wankum ne nnwan anaa ne nantwie annoa aduane amfa ansom no hɔhoɔ. Na mmom, ɔkɔkyeree ohiani no odwanbereɛ no, de yɛɛ aduane maa ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ no no.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na da koro bi a ɔhɔho bi baa ɔdefo no nkyɛn no, wampɛ sɛ ɔde ne nguan ne n’anantwi no bi yɛ ɔkwantenni a wabɛsoɛ no no hɔho, na ɔkɔfaa ohiani no guan no siesie maa ɔbarima a ɔbaa ne nkyɛn no.

Ver Capítulo Copiar




2 Samuel 12:4
6 Referencias Cruzadas  

na ohiani no deɛ, na ɔnni hwee sɛ odwammereɛ ketewa baako a ɔtɔɔ no. Na ɔyɛnee no, na ɔne no ne ne mma bɔɔ mu nyinii. Ɔdi ne buprɛko bi, na ɔnom ne kuruwa ano, na ɔda ne koko mu, na ɔyɛɛ no sɛ ɔbabaa.


Ɛnna Dawid bo fuu pii tiaa ɔbarima no, na ɔka kyerɛɛ Natan sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, ɔbarima a ɔyɛɛ yei no sɛ wuo.


Na wɔsɔ obiara hwɛ a, na ɛyɛ ɔno ara n’akɔnnɔ, a ɛgyegye na ɛdaadaa no na ɛsɔ no hwɛ;


Na ɔmaa n’ani so, na ɔhunuu ɔbarima kwantenni no, kuro no abɔntene so, na akɔkoraa no ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛhe na worekorɔ, na ɛhe nso na wofire?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios