Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Samuel 1:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Ɛnie: Israel, w’animuonyamfoɔ a wɔahwire wɔn mu no deda wo sorɔnsorɔmmea so. Sɛdeɛ ahoɔdenfoɔ asi atotɔ!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Ɛnie: Israel, w’animuonyamfoɔ a wɔahwire wɔn mu no deda wo sorɔnsorɔmmea so. Sɛdeɛ ahoɔdenfoɔ asi atotɔ!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 “Wʼanuonyam ne wʼahosɛpɛw, Israel, awu da mmepɔw so! Akofo akɛse atotɔ!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 “Wʼanimuonyam ne wʼahosɛpɛ, Ao Israel, awu da mmepɔ so! Akofoɔ akɛseɛ atotɔ!

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Israel, w’anuonyam no wo sorɔnsorɔmmea so na wɔahwirow wɔn mu. Ahoɔdenfo atotɔ dɛn ara!

Ver Capítulo Copiar




2 Samuel 1:19
11 Referencias Cruzadas  

Saulo ne Yonatan, wɔyɛ adɔfoɔ ne ahoɔfɛfoɔ. Wɔn nkwa mu ne wɔn wuo mu nso wɔanni ntetemu. Wɔn ho yɛ hare sene akɔdeɛ, wɔn ho yɛ den sene agyata.


Sɛdeɛ ahoɔdenfoɔ asi atotɔ ɔko mu! Wɔahwire Yonatan mu wo sorɔnsorɔmmea so.


Sɛdeɛ ahoɔdenfoɔ asi atotɔ, na akodeɛ asi asɛeɛ!


Ɛda no na AWURADE ban no bɛyɛ fɛ animuonyam mu, na asase so aba bɛyɛ ahoahoadeɛ ne ahyehyɛdeɛ ama Israel nkaeɛ a wɔanya nkwa no.


Na ɔfifirii sɛ duforɔ n’anim, sɛ asase pɛsɛɛ mu nhini; ɔnni esu anaa animuonyam a ɛbɛma yɛahwɛ no, na ɔnni ahoɔfɛ a ɛbɛma yɛn ani agye ne ho.


Ao, sɛdeɛ AWURADE asi de mununkum akata Sion babaa ho, n’abufuo mu! Wafiri soro ato Israel ahoɔfɛ ahwe fam, na wankae ne nan ntiasoɔ n’abufuo da no.


Yɛn abotire ayi atɔ fam. Yɛn ara yɛnnue, na yɛayɛ bɔne.


Na mefaa me poma Adom no mebuu mu, sɛ meretue m’apam a me ne aman nyinaa pameeɛ no.


Na meyɛnee okum nnwankuo no, nnwan a wɔyɛ mmɔborɔ no wɔ mu saa ara; na mefaa mpoma mmienu, mefrɛɛ baako sɛ: Adom, na mefrɛɛ baako sɛ: Nkyekyerebomu; na meyɛnee nnwankuo no.


Na adeɛ kyeeɛ a Filistifoɔ ba bɛyiyii atɔfoɔ ho adeɛ no, wɔhunuu Saulo ne ne mma baasa no sɛ wɔatotɔ wɔ Gilboa bepɔ soɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios