Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Mose 8:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na ɔbuaa sɛ: Ɔkyena. Na Mose kaa sɛ: Ɛnyɛ sɛ deɛ woaka no, na woahunu sɛ obiara biara nni hɔ a ɔte sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Na ɔbuaa sɛ: Ɔkyena. Na Mose kaa sɛ: Ɛnyɛ sɛ deɛ woaka no, na woahunu sɛ obiara biara nni hɔ a ɔte sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Farao kae se, “Monyɛ no ɔkyena nko ara.” Mose buae se, “Mate, ɛbɛba mu sɛnea woaka no na ama woahu sɛ obiara nni hɔ sɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn, no nko ara.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Farao kaa sɛ, “Monyɛ no ɔkyena nko ara.” Mose buaa sɛ, “Mate, ɛbɛba mu sɛdeɛ woaka no na ama woahunu sɛ obiara nni hɔ sɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn, no nko ara.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na ose: Ɔkyena. Na ose: Ɛnyɛ sɛ wokae no, na woahu sɛ obi bi nni hɔ a ɔte sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar




2 Mose 8:10
21 Referencias Cruzadas  

Enti woso kokuroo, AWURADE Nyankopɔn, na obiara nni hɔ a ɔte sɛ woɔ, na onyame biara nso nni w’akyi, sɛ nsɛm a yɛde yɛn aso ateɛ no nyinaa teɛ no.


AWURADE, obiara nni hɔ a ɔte sɛ woɔ, na Onyankopɔn biara nso nni w’akyi sɛ nsɛm a yɛde yɛn aso ateɛ no nyinaa.


na wɔnhunu sɛ wo a wo din de AWURADE no, wo nko ara ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so.


Obiara nte sɛ wo, anyame mu, AWURADE, na biribiara nte sɛ wo nnwuma.


AWURADE ayi ne ho adi, wabu atɛn, ɔde ɔbɔnefoɔ nsam nneyɛɛ atoatoa no.


Hwan na ɔte sɛ woɔ, AWURADE, wɔ anyame mu? Hwan na ɔte sɛ woɔ, kronkronyɛ mu onimuonyamfoɔ, deɛ ne ho yɛ hu ayeyie mu, anwanwadeɛyɛfoɔ.


Na Mose ka kyerɛɛ Farao sɛ: Wo ara kyerɛ me da ko a ɛnkɔsie na mempa kyɛw memma wo ne wo nkoa ne wo man, na wɔnyi mponkyerɛne no mfiri wo ne wo fie so, na wɔnka asuo no nko ara mu.


Na afei deɛ, merema me haw nyinaa aba w’akoma so ne wo nkoa ne wo man mu, na woahunu sɛ obiara nni hɔ a ɔte sɛ me wɔ asase nyinaa so.


Ɛnna Mose ka kyerɛɛ no sɛ: Mefiri adi mefiri kuro no mu ara pɛ a, mɛtrɛ me nsam makyerɛ AWURADE, na aprannaa no to bɛtwa, na ɔsoro aboɔ no antɔ bio, na woahunu sɛ AWURADE na asase wɔ no.


Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho, na wonnim deɛ ɛda no de bɛba.


Na hwan ho na mode Onyankopɔn bɛtoɔ, na suban bɛn na mode bɛsusu no?


Na hwan ho na mode me bɛtoɔ na me ne no asɛ? Ɔkronkronni no na ɔseɛ.


Monkae akane nnoɔma a ɛfiri tete no, sɛ me ara mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ bio; mene Onyankopɔn, na deɛ ɔte sɛ me nni hɔ koraa.


AWURADE Nyankopɔn, wo na woafiri aseɛ de wo kɛseyɛ ne wo nsa a ɛyɛ den no akyerɛ w’akoa, na onyame bɛn na ɔwɔ soro anaa asase soɔ a ɔbɛtumi ayɛ wo nnwuma ne wo mmaninneɛ yi bie?


Ɛfiri sɛ wɔn botan nte sɛ yɛn botan, na yɛn atamfoɔ mpo bu atɛn saa.


Obi nni hɔ a ɔte sɛ Yesurun Nyankopɔn! Ɔnam soro di boa wo, ɔde ne kɛseyɛ nam mununkum mu.


Wo deɛ, wɔama woahunu, na woahunu sɛ AWURADE ne Onyankopɔn a obi nni hɔ nka ne ho.


Enti hunu nnɛ, na fa sie w’akoma mu, sɛ AWURADE ne Onyankopɔn wɔ ɔsoro ne asase so na obi nni hɔ bio.


Nanso monnim deɛ ɛbɛba ɔkyena. Na mo nkwa ne deɛn? Ɛfiri sɛ moyɛ huhuro a ɛyi ne ho kakra, na afei ɛyera.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios